Nyansa 8 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

1Na ahoɔden mu ara

na ofi asase ano kodu n'awiei,

na ɔtoto nneɛma nyinaa yiye.

Solomon dɔ a ɔwɔ ma Nyansa

2Medɔɔ no na mehwehwɛɛ no fii

me mmerantebere mu,

na n’ahoɔfɛ dii me tirim.

3ɔhyɛɛ n’awo ho anuonyam

sɛ ɔne Nyankopɔn te,

na ade nyinaa so AWURADE dɔ no.

4Efisɛ ɔno na odii kan huu

Nyankopɔn ne nimdeɛ mu,

na ɔyɛ ɔboafo wɔ ne nnwuma mu.

5Sɛ ahonya yɛ agyapade a

ehia wɔ abrabɔ mu a,

dɛn ade na ehia kɛse

kyɛn nyansa a ɔyɛ ade nyinaa no?

6Na sɛ ntease tumi di dwuma a,

hena koraa na ɔso kyɛn no a

ɔhyehyɛɛ saa nneɛma a ɛwɔ yi?

7Na sɛ obi pɛ trenee,

na n'adwuma teɛ;

na ɔkyerɛ ahohyɛso ne anidahɔ,

pɛpɛyɛ ne akokoduru a;

biribiara nni abrabɔ mu a mfaso

wɔ mu ma nnipa kyɛn eyinom.

8Na sɛ obi pɛ sɛ onya osuahu

na ohu nea atwam ne nea ɛreba a,

na ɔte kasabebu ase,

na otumi yi aborɔme ano;

na odi nsɛnkyerɛnne ne anwonwade hukan;

ne nea wim nsakrae

ne mmere de bɛba.

Wɔnkwati nyansa nyɛ hwee

9Saa nti masi me bo sɛ me ne no bɛtena,

minim sɛ obetu me fo pa

na wahyɛ me nkuran

m'awerɛhow mu.

10Ne nti menya

anuoyam wɔ nnipa pii mu

ne nidi wɔ mpanyimfo anim,

ɛmfa ho sɛ meyɛ abofra.

11Wobehu me sɛ meyɛ hyew wɔ atemmu mu,

na wobebu me wɔ mpanyin anim.

12Sɛ meyɛ komm mpo a wɔbɛtwɛn me,

na mekasa a wobetie me

na mekasa pii mpo a,

wɔbɛyɛ komm atie me.

13Ne nti menya daa nkwa,

na magyaw nkaeade daa

ama nkyirimma.

14Medi panyin wɔ nkurɔfo so

na aman bɛba me tumi ase;

15ahemfo a wɔn ho yɛ hu te me nka a

wobesuro me;

mɛma nkurɔfo ahu me,

sɛ mewɔ nimdeɛ, ne akokoduru wɔ ɔko mu.

16Sɛ mewɔ me fi a, me ne no bɛbom ahome,

efisɛ wofa no adamfo a ɛyɛ dɛ

wone no bɔ bra a ɛnyɛ yaw,

mmom ɛyɛ anigye nko ara.

17Sɛ misusuw eyinom ho wɔ me komam,

na mede kɔ adwennwen mu

sɛ wofa nyansa adamfo a, wowɔ daa nkwa,

18na wofa no ɔyɔnko a, anigye ara kwa,

na ne nsaano adwuma mu

wowɔ ahonya a ɛnsɛe da,

na nea wonya, ne fɛkuwbɔ mu ne ntease

ne ntease wɔ ne nsɛm mu,

mankasa kyin hwehwɛɛ no,

19Meyɛ abofra no, Ɔbɔade no dom me yiye,

na me kra nyaa saa akyɛde yi;

20anaasɛ miye nti, minyaa

nnipadua a fi nni ho.

21Mmom mihuu sɛ: Merenhu nyansa,

gye sɛ: AWURADE de ama me,

na ɛyɛ anisoadehu ho nsɛkyerɛnne

sɛ wobehu nea ɔde saa akyɛde no maa wo,

nti mesrɛ, na mekotow srɛ no,

na mede me koma nyinaa ka sɛ:

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help