1Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
2Onipa ba, fa w’ani kyerɛ Yerusalem, na ma w’asɛm nsosɔ ngu kronkronbea hɔ na hyɛ nkɔm tia Israel asase no,
3na ka kyerɛ Israel asase no sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, me ne wo anya, na mɛtwe me nkrante afi ne boha mu, na matwitwa wo so treneeni ne ɔbɔnefo.
4Esiane sɛ metwa wo so treneeni ne ɔbɔnefo nti, me nkrante befi ne boha mu ahyɛ honam nyinaa afi nifa fam akosi benkum fam,
5na ɔhonam nyinaa ahu sɛ me, AWURADE, matwe me nkrante afi ne boha mu, ɛrensan nkɔ mu bio.
6Na wo, onipa ba, fa awerɛhow si apini, na gu wɔn ani so ahome yawyaw.
7Na sɛ wɔka kyerɛ wo sɛ: Ɛdɛn so na woresi apini a? Ka sɛ: Akwansosɛm nti, efisɛ ɛreba, na koma nyinaa bɛnan, na nsa nyinaa mu agugow, na honhom nyinaa ano akum, na anankoroma nyinaa adannan nsu; hwɛ, ɛreba na abɛyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
8Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
9Hes 32.20 Onipa ba, hyɛ nkɔm, na ka sɛ: Sɛ AWURADE se ni: Ka sɛ:
Nkrante, nkrante a wɔasew ano
na wɔapɔw ho nso,
10wɔasew ano sɛ enkum,
wɔapɔw ho sɛ entwa nyinamnyinam.
Anaasɛ yɛmma yɛn ho nsɛpɛw yɛn nka se:
Me ba woabu abaa
ne nteɛso nyinaa animtiaa?
11Na ɔde nkrante no mae
sɛ wɔmpɔw ho sɛ wɔde nsa rekura,
wɔasew nkrante no na wɔapɔw ho nso,
sɛ wɔde rehyɛ okumfo nsa.
12Onipa ba, su na twa adwo,
sɛ ɛno bɛba me nkurɔfo so,
ɛno bɛba Israel abirempɔn nyinaa so;
wɔde wɔn ne me man ato hɔ ama nkrante,
enti bɔ w’asrɛ ho ame.
13 Yes 1.5 Na wɔasɔ ahwɛ; na sɛ abaa a ebu animtiaa no po nyɛ hwee a, dɛn na ɛbɛyɛ? AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
14Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm
na bɔ nsam,
na nkrante no bɛba abɔ ho abiɛsa,
atɔfo nkrante no;
ɛyɛ ɔtɔfo kɛse nkrante
na atwa wɔn ho ahyia no.
15Nea ɛbɛyɛ na koma atutu
na hintidua adɔɔso nti,
mede nkrante hyerɛn masisi
wɔn kurow apon nyinaa ho a!
Wɔayɛ no sɛ ɛnyɛ sɛ anyinam,
wɔayeram ano de rebekum.
16Dan wo ho koraa kɔ anafo,
dan w’ano kɔ atifi,
baabiara a wɔahyɛ sɛ w’ani nkyerɛ.
17Na me nso mɛbɔ me nsam,
na mama m’anibere ano adwo,
me, AWURADE, na maka.
18Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:
19Hes 4.1 Na wo, onipa ba, sensan akwan abien fa, na Babel hene nkrante mfa so mmra. Ma n’abien nyinaa mfi asase koro so, na kurukyerɛw akyerɛkyerɛkwan bi, nkurow nkwanta na kurukyerɛw no.
20Siesie ɔkwan a nkrante mfa so mmra Amonfo kurow Raba, ne Yuda, Yerusalem kurow a ɛyɛ den no mu.
21Na Babel hene gyina ɔtempɔn nkwanta so, akwan abien no ti, sɛ wɔnhyɛ nkɔm mma no; ɔwosow agyan bisa abusua honi adehwɛ mmerɛbo mu.
22Nkɔmhyɛ a ɛba ne anafo mu ne Yerusalem, sɛ wonsisi adwennini a eburuw ɔfasu, mmue ano okum mu, mma ɛnne so osebɔ mu, sɛ wonsisi adwennini a wɔde beburuw aponkɛse, ngu mpempe, nsisi ntua aban.
23Na ɛbɛyɛ wɔn sɛ nkɔntoro wɔn ani so; wɔaka ntankɛse; nanso ɔno de, ɔkae wɔn amumɔyɛ, sɛ wɔnkyere wɔn.
24Ɛno nti sɛ AWURADE se ni: Esiane sɛ moma wɔkae mo amumɔyɛ ma mo mmarato da adi na wohu mo bɔne, mo nneyɛe nyinaa mu nti, na esiane sɛ wɔkae mo nti, wɔde nsa bɛkyere mo.
25Na wo, ɔbɔnefo a woatɔ, Israel birɛmpɔn
a ne da adu,
awiei amumɔyɛ bere mu no,
26 Eks 28.4; Hes 17.24; Luka 18.14 sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni:
Yi abotiten no na hɔn ahemmotiri no;
nneɛma rentena sɛnea ɛte no ara
nea abrɛ ase no, wɔbɛma so,
na nea ama so no bɛbrɛ ase;
27 Gye 49.10 Ɔsɛe, ɔsɛe ɔsɛe
na mɛdan no;
sɛ ebi mmae da
na eyi nso rentena hɔ daa,
de bɛkɔ akosi sɛ nea atemmu wɔ no no bɛba,
na mede mama no.
Afoa no ka Amonfo28 Hes 25.2-7 Na wo, onipa ba,
hyɛ nkɔm na ka sɛ:
Sɛ AWURADE Nyankopɔn se, Amonfo ne wɔn ahohorabɔ no ho ni, na ka sɛ:
Nkrante, nkrante a wɔatwe de rebekum, wɔapɔw ho sɛ
enni nam, sɛ ɛnyɛ nyinamnyinam.
29Ɛbere a wohu ade huhuw ma wo
na wɔrehyɛ wo nkɔntoro no,
wɔde wo bɛto abɔnefo atɔfo
a wɔn da adu,
awiei amumɔyɛ bere mu no kɔn ho.
30Fa wo nkrante san hyɛ ne boha mu,
faako a wɔbɔɔ wo no,
w’awo asase so
na mebu wo atɛn,
31na mehwie m’abufuhyew magu wo so,
mefita m’anibere gya no mu mahyɛ wo,
na meyi wo mahyɛ mmarima atirimmɔdenfo
a wonim ɔsɛe ho nyansa no nsa.
32Wobɛdan ogya aduan;
wo mogya begu asase no mfinimfini;
wɔrenkae wo bio,
na me, AWURADE na maka.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.