1Na osee wɔn sɛ: Nokware mise mo sɛ, wɔn a wogyina ha yi mu binom wɔ hɔ a wɔrenka owu nhwɛ de bɛkɔ akosi sɛ wobehu sɛ Nyankopɔn ahenni no de tumi aba.
2Na ɛno akyi nnansia no Yesu faa Petro ne Yakob ne Yohane, na ɔde wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi so fa baabi. Na ɔsakrae wɔn anim,
3na n’atade hyerɛn fitafita a asase so ntamasifo biara ntumi nhoa no saa.
4Na Elia ne Mose yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn, a na wɔne Yesu rekasa.
5Na Petro bua see Yesu sɛ: Rabi, eye sɛ yɛwɔ ha, na ma yɛmmɔ asese abiɛsa, wo de biako, Mose de biako ne Elia de biako.
6Na onnim asɛm a ɔnka mpo; efisɛ na wosuro yiye.
7Otwafo bi ayaresa(Mateo 17.14-20; Luka 9.37-42)
14Na woduu asuafo no nkyɛn no, wohuu nkurɔfokuw pii wɔ wɔn ho ne kyerɛwfo sɛ wɔne wɔn rebisabisa wɔn ho nsɛm.
15Na ntɛm ara a nkurɔfokuw no nyinaa huu no no, wɔn ho dwiriw wɔn, na wɔde mmirika bae bekyiaa no.
16Na Yesu bisaa wɔn sɛ: Dɛn asɛm na mo ne wɔn rebisabisa mo ho yi?
17Na nkurɔfokuw no mu biako buae sɛ: Kyerɛkyerɛfo, mede me babarima a ɔwɔ mumu honhom mebrɛɛ wo;
18na bere biara a eso no mu no, esinsen no, na n’ano po ahuru, na ɔtwɛre ne se, na ɔfɔn. Na meka mekyerɛɛ w’asuafo sɛ wontu no, wɔantumi.
19Na obuaa wɔn sɛ: O nnɛ mma a munni gyidi! Mentena mo nkyɛn nkodu da bɛn? Mentɔ me bo ase mo ho nkosi da bɛn? Momfa no mmrɛ me!
20Na wɔde no brɛɛ Yesu. Na ohuu no no, ntɛm ara na honhom no ma osinsenee, na ɔhwee ase, na obu faa so, na n’ano poo ahuru.
21Na obisaa n’agya sɛ: Nna ahe ni a eyi yɛɛ no? Na ɔkae sɛ: Efi ne mmofraase;
22na ɛtaa ka no to ogya ne nsu mu sɛ ebekum no; na sɛ wubetumi ayɛ biribi a, hu yɛn mmɔbɔ na boa yɛn!
23Yesu wu ne ne wusɔre ho nkɔmhyɛ a ɛto so abien(Mateo 17.22-23; Luka 9.43-45)
30Na wofii hɔnom no, wokotwaam Galilea; na wampɛ sɛ obi te.
31Ahomaso ho animka
38 Hintiduato
42 Na obiara a ɔbɛto nketewa yi a wogye me di no mu biako hintidua no, eye ma no mmom sɛ wɔde owiyammo kɛse sɛn ne kɔn mu, na wɔde no kɔto po mu.
43
45Na sɛ wo nan to wo hintidua a, twa! Eye ma wo sɛ wode nansin bɛkɔ nkwa mu, sen sɛ wowɔ nan abien na wɔde wo bɛto amanehunu kurom,
46
47
50
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
