2 Berɛsosɛm NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(ATWDB)
NHYƐNMUKronika anaa Berɛsosɛm nhoma a ɛto so abien no yɛ nea edi kan no ntoaso. Efi ase ka ɔhene Solomon ahenni ne ne wu ho nsɛm. Ɛtoa so ka aman a ɛwɔ Israel mantifi no atuatew a Yeroboam dii mu akoten de tiaa Rehoboam a obedii Solomon ade no ho nsɛm. Nhoma no ka Yuda ahenni no nkutoo ho nsɛm kosi bere a Yerusalem kɔɔ ɔsɛe mu wɔ mfe ahanum aduɔwɔtwe asia (586) no mu ansa na wɔwoo Yesu no.EMU NSƐMSolomon ahenni 1.1—9.31Mfe a edi kan no 1.1-17Wosii asɔredan no 2.1—7.10Mfe a edi akyi no 7.11—9.31Atifi aman no atuatew 10.1-19Yuda ahemfo no 11.1—36.12Yerusalem sɛe 36.13-23