Nnwom 83 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Israel atamfoAsaf dwom

1Onyankopɔn, nyɛ komm,

mmua w’ano, na nhome, Onyankopɔn.

2Na hwɛ, w’atamfo yɛ gyegyeegye,

na wɔn a wokyi wo ama wɔn ti so.

3

9 Ate 7.22; 4.15, 21, 23 Yɛ wɔn sɛ Midian, sɛ Sisera,

sɛ Yabin, Kison subon mu.

10Wɔsɛee wɔ En-dor,

na wɔyɛe sɛ nwura dodow maa asase.

11 Ate 7.25; 8.21 Yɛ wɔn ne wɔn adehye sɛ Oreb ne Seeb,

na yɛ wɔn ahemfo nyinaa sɛ Sebah ne Salmuna,

12 Nnw 74.8 wɔn a wɔka sɛ:

Momma yɛmfa Onyankopɔn afi nni no.

13Me Nyankopɔn, yɛ wɔn sɛ ahum a edi kyinhyia,

sɛ mframa anim ntɛtɛwa.

14Sɛ ogya hyew kwae na ogyaframa taforo mmepɔw ho no,

15saa ara na fa w’ahum taa wɔn,

na fa wo mframa dennen no yi wɔn hu.

16AWURADE, ma wɔn ani nwu,

na wommisa wo din akyi kwan.

17Ma wɔn anim ngu ase na wɔmmɔ twi daa,

na wɔmmɔ adapaa na wɔnyera,

18 Hos 12.5 na wonhu sɛ wo a wo din de AWURADE no,

wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help