Nnwom 127 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

AWURADE nhyira ne ade kɛseMforoso dwom. Solomon de

1Sɛ AWURADE ansi dan no a,

wɔn a wosi yɛ ho adwuma kwa.

Sɛ AWURADE anwɛn kurow no a,

ɔwɛmfo si ho pɛ kwa.

2 Mmb 10.22 Ɔkwa ara na mosɔre anɔpahema na monnye mo ahome mpo anadwo bere,

na mobrɛ ansa na moanya aduan adi.

Nanso AWURADE na osiesie ma n’adɔfo

mpo bere a wɔadeda no.

3 Gye 33.5; Nnw 123.3-4 Hwɛ, mma yɛ agyapade a efi AWURADE hɔ,

na yafunu mu aba yɛ akatua.

4Sɛ ɔbran nsam bɛmma te no,

sɛ mmerantebere mu mmabanin te ne no.

5Nhyira ne ɔbarima a

wɔahyɛ n’agyan kotoku ma,

wɔne atamfo di, kurow pon mu a,

wɔn ani renwu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help