Sirak 42 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

1Ma w'ani nwu sɛ wobɛkeka nea woate akyerɛ apofofo,

na wobɛda asumasɛm adi.

Ɛno yɛ aniwu pii,

na woanya nnipa nyinaa anim dom.

Mfɛre nneɛma a edidi so yi ho,

na nyɛ bɔne mfa mpɛ nnipa anim anuonyam.

2Mfɛre Ɔsorosoroni no mmara ne n’apam ho,

ne sɛ worebu ntɛn de agye nea

onni nyamesuro na wafa ne ho adi.

3Ɛnye sɛ wo ne w'adamfo besie sika, anaa wobɛfa ɔkwantuni adamfo,

na woakyekyɛ wo nnamfo agyapade mu.

4ne sɛnea nsɛnia ne karibo bɛyɛ pɛpɛɛpɛ,

ne sɛ wobenya kɛse anaa ketewa;

5wɔ mfaso a wobenya no wɔ aguadifo hɔ,

ne ntetew pa a wode ma mmofra,

ne kɔdua a wode to akoa bɔne so.

6Nea ɔyere bɔne wɔ no, nsɔano yɛ ade pa;

na nea nnipa dɔɔso no, toto wo nneɛma mu safe.

7Biribiara a wode bɛto hɔ no, hwɛ ne dodow na kan no yiye,

na nea wode bɛma anaa wobegye no kyerɛw to hɔ.

8Nsuro sɛ wobɛteɛteɛ ogyimifo anaa ɔkwasea so

anaa ɔpanyin a ɔbɔ aguamammɔ.

Ɛno na wode bɛkyerɛ wo ntetew pa,

na nnipa nyinaa ayi w'ayɛ.

Agyanom ne Mmabaa

9

24Nneɛma nyinaa yɛ abien abien, biako ne foforo bɔ abira;

na biribiara a wayɛ no ntɔ sin.

25Biako boa biako ma esi pi.

Hena na ɔbɛbrɛ Awurade anuonyam no hwɛ ho?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help