Kwadwom 4 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Yuda asotwe ne n’animtiaabu

1 Kwa 1.6, 10 Ao, sɛ sika abiri tumm,

sɛɛ na sika kɔkɔɔ pa a ɛhyerɛn no asakra ni!

Wɔatotow kronkronbea abo no

agu mmorɔn nyinaa so.

2Sion mma a wɔn bo yɛ den

a wɔde amapa kari wɔn no,

esii dɛn na wobuu wɔn sɛ dɔte nkuku,

ɔnwemfo nsa ano adwuma yi?

3Sakraman po twetwe wɔn nufu

ma wɔn mma num;

nanso me nkurɔfo adan atirimmɔdenfo

te sɛ nsohori wɔ sare so.

4Osukɔm ma akokoaa tɛkrɛma

fam ne dodo mu,

mmotafowa srɛ abodoo,

obi nni hɔ a obu bi ma wɔn.

5Wɔn a wodii adɔkɔdɔkɔde no

ayɛ pasaa, mmorɔn so;

wɔn a wɔyɛn wɔn atankɔkɔɔ so no

yɛ sumina atuu.

6 Gye 18.20; 19.24-25 Na me man babea amumɔyɛ so

sen Sodom bɔne no,

ɛno na wobutuwii afrɛso

a ɛnyɛ nsa na ɛsɛee no.

7N’ahotuafo ho tew sen sukyerɛma,

fitaa nso sen nufusu;

wɔn honam bere sen ntwoma,

wɔn nipadua te sɛ hoabo.

8Afei de, wɔn anim biri sen gyabiriw,

wohu wɔn mmorɔn so a, wonhu wɔn;

wɔn were afomfam wɔn nnompe ho,

akyen kyenkyenenn ayɛ sɛ dua.

9Wɔn a wɔtotɔ afoa ano no de ye

sen wɔn a wɔtotɔ ɔkɔm ano

a afuw mu nnɔbae a abɔ wɔn nti

wokisa hyew no.

10 Kwa 2.20 Mmea a wɔn yam hyehye wɔn de wɔn nsa

noaa wɔn yafumma;

wɔde wɔn yɛɛ aduan,

me man babea sɛe no mu.

11AWURADE ayi n’abufuhyew no adi,

wahwie n’abufuw a ano yɛ den no agu;

wasɔ Sion mu gya,

ma ahyew ne nnyinaso.

12Asase so ahene ne wiasefo nyinaa annye anni,

sɛ ɔhohiafo ne ɔtamfo bɛba abɛhyɛn

Yerusalem apon mu.

13N’adiyifo bɔne, n’asɔfo amumɔyɛ nti

na ɛbae saa;

emu na wohwiee treneefo mogya gui.

14Wɔkeka sɛ anifuraefo, mmorɔn so,

wɔde mogya agugu wɔn ho fi

a enti wontumi nka wɔn ntade.

15Wɔteɛɛm kyerɛɛ wɔn sɛ: Momman! Mo a mo ho akum!

Momman, momman, mommfa mo nsa nnka!

Woguanee, wokokyinkyinii,

wɔkae amanaman mu sɛ:

Wɔrenkɔ so ntena ha bio!

16 Kwa 5.12; Deut 28.50; Yes 47.6 AWURADE abufuw apansam wɔn,

ɔrenkɔ so nhwɛ wɔn;

wɔnhwɛ asɔfo anim,

mpanyin anim amma onyam.

17Yɛn ani da so rehwɛ yɛn boa huhuw kwan,

yɛn ahwɛe hɔ na yɛhwɛ

ɔman a wontumi nnye

yɛn nkwa no kwan ara.

18Wɔtoaa yɛn anammɔn,

na yɛantumi annantew yɛn mmɔnten so.

Yɛn awiei abɛn, yɛn nna ahi;

yiw, yɛn awiei adu!

19Yɛn atiwfo ho yɛ hare

sen ɔsoro akɔre;

wotiw yɛn hyerebahyereba mmepɔw so,

wɔtetɛw yɛn sare so.

20 Yer 52.8, 11 Yɛn hwene mu ahome,

nea AWURADE asra no no,

wɔakyere no wɔn amoa mu,

ɔno a yɛkae sɛ:

Ne nwini ase na yebenya nkwa,

amanaman no mu.

21 Kwa 1.21; Nnw 137.7; Yer 25.15, 21 Ma wo ho nsan wo na w’ani nnye,

Edom babea a wote Us asase so no;

wo nso so na amanehunu no rebetwam aba,

wobɛbow na w’adagyaw so ada hɔ.

22 Yes 40.2 Sion babea, w’amumɔyɛ so akatua asa!

Ɔremma wonkɔ so ntena otukɔ mu;

nanso Edom babea, ɔbɛba abetua w’amumɔyɛ so ka,

na obeyi wo bɔne adi!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help