1 Berɛsosɛm 14 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Dawid aban, ne yerenom ne ne mma(2 Samuel 5.11-16)

1

12Deut 7.5, 25 Na wogyigyaw wɔn anyame wɔ hɔ. Na Dawid kae ma wɔde ogya hyewee.

13Na Filistifo no san foro bae bio de bɛyeree obon no mu.

14Na Dawid bisaa Onyankopɔn bio, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Nkɔ nkodi wɔn akyi, dan fi wɔn ho, na fa baka nnua no ntentenso bra wɔn so.

15Na sɛ wote ɔnantew nka baka nnua no atifi a, ɛnne fi kɔko, na Onyankopɔn afi redi w’anim akokum Filistifo dɔm no.

16Na Dawid yɛe sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ no no, na wokunkum Filistifo dɔm no fii Gibeon de kosii Geser.

17Na Dawid din hyetaa nsaase no nyinaa so, na AWURADE maa ne ho hu baa amanaman no nyinaa so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help