Nnwom 21 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Aseda mpae a wɔbɔ ma ɔheneWɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid dwom

1Ao, AWURADE, ɔhene ani gye w’ahoɔden mu,

na wo nkwagye nti hwɛ sɛnea ne ho sɛpɛw no fa.

2 Nnw 20.4; 37.4 Nea ne koma pɛ na wode ama no,

na nea n’ano bisae no, woankame no.

3 Nnw 132.18 Na wode papa mu nhyira hyia no,

wode sika kɔkɔɔ abɔ no abotiri.

4Obisaa wo hɔ nkwa,

wode ama no, nna a ɛware daa daa.

5N’anuonyam so wo nkwagye nti,

kɛseyɛ ne nidi na wode ama no.

6Yiw wode no asi hɔ sɛ nhyira nko ara daa,

wode w’anim anigye ama ne ho asɛpɛw no.

7Efisɛ ɔhene ani da AWURADE so,

na nea ɔwɔ sorosoro adɔe nti ɔrenhinhim.

8Wo nsa nifa bɛka w’atamfo nyinaa,

wo nifa benya wɔn a wokyi wo.

9Wubeyi wo ho adi

ayɛ wɔn sɛ ogya fononoo,

AWURADE de n’abufuw bɛmene wɔn,

na ogya ahyew wɔn.

10 Nnw 109.13 Wobɛsɛe wɔn aba afi asase so,

ne wɔn asefo afi nnipa mma mu.

11 Yes 8.10 Sɛ wɔbɔ wo ho pɔw bɔne

na wosusuw bɔne bi ho a,

wɔrentumi nyɛ.

12 Nnw 7.12 Na wobɛma wɔasan wɔn akyi,

wode wo bɛmma bɛkyerɛ wɔn anim.

13AWURADE, ma wo ho so w’ahoɔden mu,

yɛde dwonto ne sanku bɛkamfo wo mmaninne.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help