1Me ba, sɛ woreba Awurade anim abɛsom a,
siesie wo ho ma sɔhwɛ.
2Siesie wo koma na gyina hɔ pintinn,
na nhinhim wɔ ɔyaw bere mu.
3Tena ne mu na ntwe wo ho,
na wo awiei bere no
ayɛ nna pa.
4Nea ɛbɛba wo so biara no pene so,
na animguase bere mu no tɔ wo bo ase.
5 Nya 3.5, 6; 1 Pe 1.7 Efisɛ wɔbere sika ho wɔ gya mu,
na nnipa a wogye wɔn to mu no,
wɔbrɛ wɔn ase fi gya fononoo mu.
6Fa wo werɛ hyɛ no mu na ɔbɛboa wo,
ma w’akwan nteɛ,
na nya ne mu anidaso.
7Mo a musuro Awurade no, montwɛn n’ayamye;
momman mfa nkyɛn, anyɛ a na moahwe ase.
8Mo a musuro Awurade no, munnya ne mu gyidi,
na mo akatua remmɔ mo.
9Mo a musuro Awurade no, monhwɛ nneɛma mu anidaso,
anigye ne mmɔborohunu a enni awiei .
10Kae tetefo no. na hwɛ sɛ
so obi de ne ho too Awurade so
mma n’anim guu ase ana?
anaa, hena na okuraa Awurade ho suro mu,
na obuu anim guu ase?
anaa, hena na ɔfrɛɛ no a,
wammua no?
11Efisɛ Awurade wɔ ɔtema ne ahummɔbɔ;
Ɔde bɔne kyɛ na ogye nkwa
wɔ ahohia bere mu.
12Komam ahufo ne akwadwofo nnue,
ne ɔdebɔneyɛfo a n’akwan yɛ ntanta!
13Komam mmerɛwyɛfo a onni gyidi no nnue.
Efisɛ ɔrennya tenabea biara.
14Wo a wunnim wo gyinabea no due!
Awurade akontaabu bere no, wobɛyɛ dɛn?
15Wɔn a wosuro Awurade no,
monyɛ osetie mma no,
na wɔn a wɔdɔ no no
nnantew n'akwan so.
16Wɔn a wosuro Awurade no
monhyɛ no anuonyam,
na wɔn a wɔdɔ no no di
ne mmara nsɛm so .
17Wɔn a wɔdɔ Awurade no,
siesie wɔn koma
na wɔbrɛ wɔn ho ase n'anim.
18Momma yɛmfa yɛntɔ Awurade nsa
na ɛnyɛ nnipa nsam;
Efisɛ sɛnea ne tumi te no,
saa ara na ne mmɔborohunu te nen,
na sɛnea ne din te no,
saa ara na ne nnwuma te nen.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
