Adiyisɛm 13 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

1 Adi 11.7; 17.3; 17.9; 17.12; Dan 7.7 Na mihuu aboa bi a ɔwɔ mmɛn du, ne ti ason sɛ ofi po mu sɔree, na ahemmotiri du bobɔ ne mmɛn, na abusudin wowɔ ne ti ho.

2Adi 12.3 Na aboa a mihuu no no te sɛ ɔsebɔ, na n’anan te sɛ osisi anan, na n’ano te sɛ gyata ano. Na ɔtweaseɛ no de n'ahoɔden ne n’ahengua ne ne tumi kɛse maa no.

3Adi 17.8 Na mihuu sɛ ne ti no mu biako te sɛ wɔabɔ no bɔtorɔ, na wɔasa ne n'apirakuru no, na aboa no ho yɛɛ wiasefo nyinaa nwonwa ma wodii n’akyi.

4Na wɔkotow ɔtweaseɛ no sɛ ɔde tumi ama aboa no, na wɔkotow aboa no kae sɛ: Hena na ɔte sɛ aboa no? Na hena na obetumi ne no ako?

5Dan 7.8; Adi 11.2; 12.6; 12.14 Na wɔmaa no ano a ɔde kaa nsɛm akɛse ne abususɛm, na wɔmaa no kwan asram aduanan abien.

6Na obuee n’ano kaa abususɛm tiaa Onyankopɔn, sɛ ɔbɛka ne din ne ne ntamadan ne wɔn a wɔtete soro ho abususɛm.

7Adi 11.7; Dan 7.21 Na wɔmaa no kwan sɛ ontu ahotefo so sa na onni wɔn so nkonim. Na wɔmaa no mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa horow ne aman nyinaa so tumi.

8Adi 12.12; 3.5; 17.8 Na wɔn a wɔte asase so nyinaa bɛkotow no, wɔn a wɔamfi wiase asehyɛ ankyerɛw wɔn din oguammaa a wokum no no nkwa nhoma mu no.

9Sɛ obi wɔ aso a, ontie.

10 Mat 26.52; Adi 14.12 Sɛ obi fa nnommum a,

wɔbɛfa no dommum.

Sɛ obi de nkrante kum a,

etwa sɛ wɔde nkrante kum no.

Ɛha na ahotefo boasetɔ ne gyidi no wɔ.

11 Adi 16.13; Mat 7.15 Na mihuu aboa foforo bi a ofii asase mu bae, na ɔwɔ mmɛn abien sɛ oguammaa, na ɔkasa sɛ ɔtweaseɛ.

12Adi 13.2; 13.4-5; 13.7 Na ɔyɛ aboa a odi kan no ahoɔdenne nyinaa wɔ n’anim, na ɔma asase ne wɔn a wɔtete so kotow aboa a odi kan a wɔasa ne wupira no.

13Mat 24.24; 2 Te 2.9-10; 1 Ah 18.24-39 Na ɔyɛ nsɛnkyerɛnne akɛse, na ɔma ogya mpo fi soro ba asase so, nnipa anim.

14Deut 13.1-3 Na nsɛnkyerɛnne a wɔde maa no sɛ ɔnyɛ aboa no anim no nti, ɔdaadaa wɔn a wɔtete asase so no ka kyerɛ asase sotefo no sɛ wɔnyɛ ohoni mma aboa a nkrante apira no na ɔte ase bio no.

15Na wɔmaa no kwan sɛ ɔmma aboa no honi no honhom, na aboa no honi no po akasa, na wama wɔakum dodow a wɔnkotow aboa no honi no.

16Adi 19.20 Na ɔma nketewa ne akɛse, adefo ne ahiafo, adehye ne nkoa nyinaa pene ma wɔhyɛ wɔn agyirae, wɔn nsa nifa anaa wɔn moma so,

17nanso obi ntumi ntɔ anaasɛ ɔntɔn gye nea ɔwɔ agyirae no anaa aboa no din anaa ne din akontaa nkyerɛwee nko.

18 Adi 17.9; 15.2 Ɛha na wɔhwehwɛ nyansa. Nea ɔwɔ ntease mmu aboa no akontaa ntoano, na ɛyɛ onipa akontaa ntoano, na n’akontaa ntoano si ahansia aduosia asia.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help