1Paulo, Onyankopɔn akoa, ne Yesu Kristo somafo, ma wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no gyidi ne onyamesom pa ho nokware no nimdeɛ,
2daa nkwa anidaso so, nkwa a Onyankopɔn a onni atoro no de fi teteete hyɛɛ bɔ,
3Efe 1.9-10; 1 Tim 1.1; 1.11 na ɛbere a ɛsɛ mu, oyii n’asɛm adi, asɛnka a wɔnam yɛn agyenkwa Onyankopɔn hyɛ so de ahyɛ me nsa no mu,
41 Tim 1.2 de kɔma Tito, me ba pa gyidi koro no ara fam: Adom ne asomdwoe a efi Agya Onyankopɔn ne Awurade Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no, nka wo.
Esu a ɛfata ɔhwɛfo5Eyi nti na mede wo migyaw Krete, na woasiesie nneɛma a aka no pɛpɛɛpɛ, na woasisi kurow biara kurow so mpanyimfo, sɛnea mehyɛɛ wo no:
61 Tim 3.2-4 Nea ne ho nni asɛm bi, ɔyere biako kunu a ɔwɔ mma gyidifo a wɔnte ahohwi anaa asoɔden nka wɔ wɔn ho.
71 Ko 4.1; 2 Tim 2.24 Na nea ɛsɛ ɔhwɛfo ne sɛ: Wonni ne ho asɛm bi ka, sɛ Onyankopɔn fiehwɛfo. Ɔnyɛ ɔhopɛfo, obufufafo, ɔsadweam, pupopupo, anaa odifudepɛfo,
8na mmom ɔpɛ ahɔhoyɛ, ɔpɛ papa, n’adwenem tew, ɔteɛ, ne ho tew, ɔwɔ ahohyɛso,
9oso nokwasɛm no mu sɛnea wɔkyerɛɛ no no, na watumi de nkyerɛnkyerɛ pa no atu fo, na wayi akyinnyegyefo ntɛn.
Krete asafo mu agyigyefo10Efisɛ ahuhusɛnkafo ne nnaadaafo atuatewfo pii wɔ hɔ, ne titiriw no wɔn a wofi twetiatwa mu
112 Tim 3.6 a ɛsɛ sɛ wotua wɔn ano; wɔn na aniwu mfaso nti wɔkyerɛkyerɛ nea ɛnsɛ, de dan afi mu butuw.
12Wɔn mu bi a ɔyɛ wɔn ankasa diyifo kae sɛ: Kretefo yɛ atorofo daa, mmoa bɔne, akwadwofo adidifo.
Akyerɛkyerɛfo atorofo13 2 Tim 4.2 Adanse yi yɛ nokware. Ɛno nti yi wɔn ntɛn ketee, na wɔn ho ayɛ wɔn den gyidi mu,
141 Tim 4.7 na wɔanyɛ aso amma Yudafo anansesɛm ne nnipa a wɔdan wɔn ho fi nokware ho no ahyɛde.
15Mat 15.11; Rom 14.20 Ade nyinaa ho tew ma wɔn a wɔn ho tew; na wɔn a wɔn ho aba fi na wonnye nni no de, hwee ho ntew mma wɔn, na mmom wɔn adwene ne wɔn ahonim nyinaa ho aba fi.
162 Tim 3.5 Wɔka se wonim Nyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma pa no. Wɔyɛ akyiwadeyɛfo ne asoɔdenfo, na wɔmfra mma adwuma pa biara.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
