Sirak 41 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Owu ho asɛm

1O owu, wo ho adwene yɛ nwene

ma obi a ɔte asomdwoe mu

na ɔwɔ agyapade,

na hwee nhaw no, na ɔwɔ ahode pii

na ɔda so wɔ ahoɔden de didi!

2O owu, w'atemmu ye

ma nea odi hia na n'ahoɔden asa,

na ne mfe akɔ anim,

na ne ho pere no biribiara ho,

nea ɔne biribiara abɔ abira,

na n’abotare asa!

3Nsuro sɛ owu da wo hɔ;

kae wɔn a wodii w'anim kan no,

ne wɔn a wobedi w'akyi aba no.

4Eyi yɛ Awurade ahyɛde ma adasa nyinaa,

Dɛn nti na wopo Ɔsorosoroni no apɛde?

Sɛ wo nkwa nna yɛ mfe du o,

sɛ nso ɔha anaa apem o,

ɛho asɛmmisa biara nni asaman.

Abɔnefo Nkrabea

5Abɔnefo mma nyɛ mma pa,

na daa wɔkɔ wɔn a wonni nyamesuro nhyiam ase.

6Abɔnefo mma agyapade bɛyera,

na wɔn asefo benya animguase daa.

7Mma bɛbɔ agya a onni nyamesuro no sobo,

efisɛ ɛnam no so na wonyaa animguase.

8Wɔn a wonni, nyamesuro no nnue,

wɔn a wɔapo Ɔsorosoro Nyankopɔn no mmara no!

9Sɛ wɔwɔ mma a, mmusu bedi wɔn akyi;

wɔde apinisi nkutoo na ɛbɛbrɛ mo.

Sɛ wohintiw a, anigye kɛse ba

na sɛ wowu mpo a nnome bɛyɛ wɔn akatua.

10Nea efi dɔte mu biara san kɔ dɔte mu;

nti wɔn a wonni nyamesuro no fi nnome mu kɔ ɔsɛe mu.

11Onipadua yɛ adehunu bi ara kwa,

nanso din pa de, ɛrenyera no da,

12Hwehwɛ din pa, efisɛ wowu mpo a, ɛno bɛtena hɔ.

Ɛkyɛn sika kɔkɔɔ apem a wɔaboaboa ano asie.

13Onipa nna pa yɛ tiaa,

nanso din pa tena hɔ afebɔɔ.

14Me mma, munni ahyɛde so

na moanya asetena mu asomdwoe;

na nyansa a wɔde ahintaw, ne agyapade a wonhu no,

mfaso bɛn na ɛwɔ n'abien yi so?

Abirabɔde ahorow

15Eye sɛ agyimifo de wɔn gyimi besie,

kyɛn onyansafo a ɔde ne nyansa sie.

16Saa nti fa obu ma me nsɛm;

efisɛ ɛremma w'ani nwu wɔ biribiara mu,

na ɛnyɛ biribiara a onipa de ne ho to so no, na ɛyɛ ade pa.

17Fɛre aguamammɔ ho, wɔ w’agya anaa wo na anim;

ɛne atoro ho wɔ ɔheneba anaa nea odi tumi anim;

18ɛne awudi wɔ ɔtemmufo anaa ɔsɛnnifo anim;

ɛne mmara so fom wɔ asafo ne nnipa anim;

ne nsisi wɔ wo hokafo anaa w'adamfo anim,

19ne awi wɔ baabi a wote.

Fɛre sɛ wobebu ntam anaa nhyehyɛe, ne Onyankopɔn nokware apam no so.

Ma adifude suban nyɛ wo fɛre wɔ apontow ase,

ne ahokyerɛ wɔ ɔma ne ogye ho,

20Yɛ komm wɔ wɔn a wokyia wo anim;

ne sɛnea wobɛhwɛ ɔbea guamamfo,

21ne sɛ worentie wo busuani bi abisade,

ne sɛ wobɛfa obi kyɛfa a ɛwɔ akyɛde bi mu,

ɛne sɛ wo kɔn bɛdɔ obi yere,

22sɛ wobɛto obi abaawa mmonaa,

nkɔ abaawa no mpa ho;

nsopa obi wɔ ne mfɛfo anim.

na nkeka ɔyaw nsɛm wɔ akyɛde akyi.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help