1 2 Ah 18.17 Afe a Tartan baa Asdod, bere a Asaria hene Sargon somaa no na ɔne Asdod koe na odii nkonim no,
2Hes 24.24 bere no ara mu na AWURADE nam Amos ba Yesaia so kae sɛ: Kɔ na koyi atweaatam no fi w’asen mu, na san wo mpaboa fi wo nan ase. Na ɔyɛɛ saa de adagyaw ne nammɔnhunu nantewee.
3Na AWURADE kae sɛ: Sɛnea m’akoa Yesaia nam adagyaw ne nammɔnhunu, na wayɛ sɛnkyerɛnne ne anwonwade mfensa Misraim ne Etiopia ho yi,
4saa ara nso na Asaria hene bɛka Misraim nnommum ne Etiopia tukɔfo, mmerante ne mpanyin akɔ na wɔanantew adagyaw ne nammɔnhunu, na wɔn to adeda hɔ, na Misraim ani awu.
5Na wɔn ho bɛpopo na wɔn ani awu, Etiopia a wɔn ani da so ne Misraim a ɛyɛ wɔn anuonyam no ho,
6na ɛpo yi anofo bɛka ɛda no sɛ: Hwɛ, sɛ yɛn anidaso a yeguan kɔdɔɔ hɔ sɛ wɔmmoa yɛn nnye yɛn Asaria hene anim no te ni! Na afei yɛn de, yɛbɛyɛ dɛn na yɛafi mu?
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
