1 2 Ah 14.25 Na AWURADE asɛm baa Amitai ba Yona nkyɛn sɛ:
2Sɔre kɔ Niniwe kurow kɛse no mu, na pae mu ma wonhu sɛ wɔn bɔne aforo aba m’anim.
3Nnw 139.7, 9-10 Ɛnna Yona sɔree sɛ ɔreguan akɔ Tarsis afi AWURADE anim, na osian kɔɔ Yopa, na okohuu hyɛn bi a ɛrekɔ Tarsis; na otuaa ka kɔɔ mu sɛ ɔreguan AWURADE anim ne wɔn akɔ Tarsis.
4Na AWURADE maa mframa a ano yɛ den bɛbɔe ɛpo no so, na ahum kɛse tui na hyɛn no yɛe sɛ ɛrebɛbɔ.
5Na hyɛn no mufo no suroe, na wɔteɛteɛɛm frɛfrɛɛ wɔn anyame, na wɔtotow hyɛn no mu aguade guguu po mu na ayɛ hare ama wɔn; nso na Yona de, na wasian kɔ hyɛn no yam akɔda hatee.
6Ɛnna hyɛn mu panyin no kɔɔ Yona nkyɛn, na obisaa no sɛ: Wokyerɛ dɛn nti na woda hatee sɛɛ? Sɔre su frɛ wo nyame, sɛ ebia obedwen yɛn ho na yɛantotɔ wɔ ha.
7 Mmb 16.33 Na wosisee wɔn ho wɔn ho sɛ: Mommra mma yɛmmɔ ntonto mfa nhu nea ne nti, saa amane yi aba yɛn so yi. Na wɔbɔɔ ntonto no, ɛbɔɔ Yona.
8Ɛnna wɔsrɛɛ Yona sɛ: Kyerɛ yɛn nea ne nti saa amane yi aba yɛn so yi! W’adwuma ne dɛn, na ɛhe na wufi reba yi? Wufi ɔman bɛn mu, na wo nkyi ne he?
9Gye 1.9-10 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Meyɛ Hebrini, na mesɔre AWURADE, ɔsoro Nyankopɔn a ɔyɛɛ ɛpo ne asase kesee no.
10Ɛnna nnipa no suroe pii pa ara, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn na woayɛ yi? Na nnipa no nim sɛ AWURADE anim na ɔreguan afi, efisɛ waka akyerɛ wɔn.
11Na wobisaa no sɛ: Dɛn na yɛnyɛ wo, na ɛpo no ano nnwo mma yɛn? Efisɛ na ɛpo no kɔ so huru ara.
12Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa me, na montow me nkyene po no mu, na ɛpo no bedwo ama mo; na minim sɛ me nti na ahum kɛse yi aba mo so yi.
Yona asotwe13Nanso nnipa no bɔɔ mmɔden biara sɛ wɔresan aba asase kesee so, na wɔantumi, efisɛ ɛpo no kɔ so huru hyia wɔn ara.
14Ɛnna wosu frɛɛ AWURADE sɛ: O AWURADE, onipa yi kra nti mma yɛntotɔ, na mfa mogya a yedi ho bem ngu yɛn so. Na wo, AWURADE, na woyɛ sɛnea wopɛ.
15Ɛnna wɔmaa Yona so tow no kyenee po no mu, na ɛpo no gyaee ne hamahamayɛ.
16Na nnipa no suroo AWURADE pii pa ara, na wɔbobɔɔ afɔre maa AWURADE, na wɔhyehyɛɛ no bɔ.
17 Mat 12.40; 16.4 Nso na AWURADE asiesie apataa kɛse bi sɛ ɔmmene Yona. Na Yona dii apataa no yam nnansa awia ne anadwo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
