Sirak 37 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Atorofo Ayɔnkofo

1Adamfo biara betumi aka sɛ:

Meyɛ adamfo pa.

nanso nnamfo binom din,

sɛ nnamfo no, kura wɔn kɛkɛ.

2Ɛyɛ nea wodi ho awerɛhow kɔ owu mu,

bere a adamfo adan ayɛ ɔtamfo no?

3O! nsusuw bɔne, nka sɛ wɔbɔɔ wo yɛɛ dɛn,

anaasɛ wɔde wo baa asase so bɛdaadaa wo?

4Nnamfo binom di ahurusi wɔ wɔn mfɛfo yiyedi ho,

nanso sɛ asɛm to no a, na wɔne no ayɛ aka.

5Nnamfo binom boa wɔn mfɛfo, wɔ nea wobenya adi nti,

nso sɛ ɔko ba a wɔma n'akokyɛm so.

6Mma wo werɛ mfi wo komam adamfo a ɔwɔ ahokyere mu,

na mma wo werɛ mfi no, w’ahonya bere mu.

Afotusɛm ho Kɔkɔbɔ

7Ɔfotufo biara kamfo n'afotu a ɔde ma,

nanso ebinom tu fo, wɔ wɔn ankasa yiyedi nti.

8Hwɛ yiye wɔ ɔfotufo ho

na hu ne botae ansa,

efisɛ ɔbɛdwene ne ho kan ansa

anyɛ a na wadan ne dua abɔ wo,

9aka akyerɛ wo sɛ: Nea woyɛ no ye,

na akyiri yi wagyina nkyɛn

ahwɛ nea ɛbɛba wo so.

10Mpɛ afotusɛm mfi nea osusuw wo ho bɔne no nkyɛn,

na nna w’adwene adi nkyerɛ wɔn a

wɔtwe wo ho ninkunu no.

11Wone ɔbea nni ne kora ho nkɔmmɔ,

anaa ohufo wɔ ɔko ho,

oguadini wɔ aguadi ho,

anaa ɔtɔfo wɔ adetɔn ho,

onipa a ne nsam yɛ den wɔ adekyɛ ho,

anaa otirimmɔdenfo wɔ ayamye ho,

onihawfo wɔ adwuma biara ho,

ɔpaani a ɔntaa nyɛ adwuma, wɔ n'adwuma wie ho,

ntie afotusɛm biara mfa eyinom mu biara ho.

12Mmom fa wo ho bɔ nea onim nyame ho

obi a wunim sɛ odi mmara so,

obi a ɔne w'adwene yɛ pɛ,

nea ɔne wo bedi yaw, sɛ ɛba sɛ wudi nkogu a.

13Na tie w’akomam afotusɛm,

efisɛ obiara nyɛ ɔnokwafo mma wo, sɛ ɔno.

14Efisɛ ɛtɔ bere bi a, yɛn ankasa adwene kyerɛ yɛn nea eye,

kyɛn awɛmfo baasɔn a wɔtete aban tenten so.

15Nea ɛkyɛn eyinom nyinaa ne sɛ: Bɔ mpae srɛ Ɔsorosoroni no,

na ontutu w'anan nsi nokware kwan so.

Nokware ne Atoro Nyansa

16Nhyehyɛe ne adwuma biara mfiase,

na akwankyerɛ di dwumadi biara anim.

17Adwene, ne nneyɛe nyinaa farebae,

18ekura akwaa ahorow anan;

papa ne bɔne, nkwa ne owu,

nanso tɛkerɛma na edi wɔn nyinaa so.

19Nnipa bi yɛ anyansafo sɛ wɔkyerɛ wɔn mfɛfo pii ade,

nanso wɔn ho nni mfaso mma wɔn ankasa ho.

20Onipa a onim kasa pii no, nkurɔfo tumi tan no;

na aduan nyinaa abɔ no.

21Awurade aso ne nnipa fam akyɛde no mu

efisɛ nyansa nyinaa abɔ no.

22Sɛ onipa bi nim nyansa a, ɔde nya n'ankasa mfaso bi a,

n'adwene pa no so aba, ma woyi no ayɛ.

23Onipa nyansafo tu ne nkurɔfo fo,

na n'adwene pa no so aba, bɛtena hɔ daa.

24Onyansafo ayeyi bɛdɔɔso pii,

na wɔn a wobehu no nyinaa, bɛfrɛ no sɛ: Anigye.

25Onipa nkwa nna yɛ tiaa,

nanso Israel nna nni anobu.

26Nea onim nyansa wɔ ne mfɛfo mu no benya anuonyam,

na ne din bɛtena hɔ afebɔɔ.

Akɔnnɔ ho nhyɛso

27Me ba, kari wo ho hwɛ, bere a wote ase yi;

hu nea ɛyɛ bɔne ma wo, na yi wo ho fi mu.

28Efisɛ ɛnyɛ nneɛma nyinaa na eye ma obiara.

Na ɛnyɛ obiara na biribiara yɛ no akɔnnɔ.

29Mma wo kɔn nnɔ aduan biara,

na w'adidi mu no, hwɛ yiye,

30efisɛ adidi ntraso ma ɔyare,

na adidi dodow ma abofono.

31Nnipa pii awuwu, adidi dodow nti,

na nea ɔwɔ eyi ho ahwɛyie no, ma ne nkwa nna ware.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help