Yesaia 51 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Onyankopɔn bɔhyɛ ne n’awerɛkyekye

1 Yes 48.1 Muntie me, mo a mudi trenee akyi

na mohwehwɛ AWURADE no:

Monhwɛ ɔbotan a wɔpaee mo fii mu

ne abopaebea a wotuu mo fii mu no,

2 Hes 33.24 monhwɛ mo agya Abraham,

ne Sara a ɔkyem woo mo no,

sɛ ɔyɛ obiakofo na mefrɛɛ no,

na mihyiraa no mema ɔdɔe.

3Na AWURADE rekyekye Sion werɛ,

ɔkyekye n’amamfo nyinaa werɛ,

na wadan ne sare so sɛ Eden,

ne n’anwea pradada sɛ AWURADE turom;

wobehu mu ahosɛpɛw ne anigye,

aseda ne dwonto.

4Me nkurɔfo, muntie me,

na me man, monyɛ aso mma me,

na mmara befi me nkyɛn akɔ,

na mama m’atemmu atim hɔ ayɛ aman hann.

5Me trenee reba ntɛm,

me nkwagye afi adi,

na m’abasa bebu aman atɛn;

me so na nsu ano aman ani da,

na me basa na wɔtwɛn.

6 Nnw 102.27 Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro,

na monhwɛ asase wɔ fam,

na ɔsoro bɛyera sɛ owusiw,

na asase asuw sɛ atade,

na ɛsofo awuwu sɛ nwansena,

na me nkwagye bɛtena hɔ daa,

na me trenee rensa da.

7 Mat 5.11 Muntie me, mo a munim trenee,

ɔman a me mmara wɔ wɔn koma mu,

munnsuro ɔdasani ahohorabɔ

na mommma wɔn ahiiyi nnyɛ mo ahopopo,

8na ntummoa bɛwe wɔn sɛ atade,

na abubummabaa adi wɔn sɛ kuntu;

na me trenee bɛtena hɔ akosi daa,

na me nkwagye afa awo ntoatoaso nyinaa mu.

Anigye wɔ Sion

9 Eks 14.14; 15.7 Sɔre ɛ, sɔre ɛ, nya ahoɔden,

AWURADE basa!

Nyan sɛ kan nna no mu,

teteete awo ntoatoaso mu.

So ɛnyɛ wone nea otwitwaa Rahab

na ohwirew asuboa kɛse no mu no?

10 Eks 14.21-22 So ɛnyɛ wone nea ɔmaa po yowee no,

ebun kɛse mu nsu no;

nea ɔde po ase yɛɛ ɔkwan

maa wɔn a wɔagye wɔn sɛ wontwa no?

11 Yes 35.10 Na wɔn a AWURADE agye wɔn no bɛsan,

na wɔde ahurusi aba Sion,

na daa anigye bɛtena wɔn atifi;

ahosɛpɛw ne anigye bɛka wɔn nsa,

na awerɛhow ne apinisi aguan.

12 Nnw 56.4; Yes 40.6 Me ara mene mo werɛkyekyefo;

hena ne wo na wusuro ɔdasani a owu

ne onipa ba a wɔyɛɛ no sɛ wura?

13Na wo werɛ afi AWURADE a ɔyɛɛ wo

na ɔtrɛw ɔsoro mu

na ɔhyɛɛ asase ase no,

na wo ho popo daa yi daa nyinaa,

ɔhoguanfo abufuw nti,

sɛnea ɔresiesie ne ho abɛsɛe biribi,

na ɛhe na ɔhoguanfo abufuw no wɔ?

14Wɔbɛyɛ ntɛm ayi pokyerɛni,

na ɔrenwu nkɔ Amoa mu,

na n’aduan remmɔ no.

15Na mene AWURADE, wo Nyankopɔn,

a ɔhwanyan ɛpo ma n’asorɔkye yɛ hu no,

asafo AWURADE ne ne din.

16 Yes 49.2 Na mede me nsɛm mahyɛ w’anom,

na mede me nsa ase nwini makata wo so,

na matrɛw ɔsoro mu

na mahyɛ asase ase,

na maka makyerɛ Sion sɛ:

Me man ne wo.

Sion denhyɛ

17 Nnw 60.3; 75.8; Yer 25.15-18 Nyan ɛ, nyan ɛ!

Sɔre ɛ, Yerusalem,

wo a woanom AWURADE nsam

n’abufuw kuruwa no;

woanom ntintantɔ kuruwa no

na woanom, ahwew mu.

18Wannya obi ankogya no

ne mma a ɔwoo wɔn nyinaa mu bi ankogya no,

na wannya obi anso ne nsa

amfi ne mma a ɔyɛn wɔn no nyinaa mu.

19 Yes 47.9 Ade abien yi na ɛtoo wo,

hena na obegyam wo?

Ɔsɛe ne obubu ne ɔkɔm ne afoa:

Mɛkyekye wo werɛ dɛn?

20 Kwa 2.11, 19 Wo mma totɔɔ piti

boaboaa hɔ mmorɔn nyinaa twea so

sɛ ɔforote, afiri mu,

na AWURADE abufuhyew,

wo Nyankopɔn animka, ayɛ wɔn amaama.

21Enti tie eyi ɛ, wo a woapira,

wo a woabow, nanso ɛnyɛ nsa.

22 Yes 51.17 Sɛ wo wura, AWURADE,

ne wo Nyankopɔn a odi ma ne man no se ni:

Hwɛ, migye wo nsam ntintantɔ kuruwa no,

m’abufuhyew kuruwa no,

worenkɔ so nnom bio.

23 Nnw 129.3 Na mede bɛhyɛ w’ahawfo no nsa,

hena na ɔka kyerɛɛ wo sɛ:

Kotow, na yɛmfa wo so;

na wode w’akyi too hɔ sɛ fam

anaasɛ borɔn maa wɔn a wɔfa so no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help