1Na ɛbae sɛ bere bi akyi no, Filistifo boaboaa wɔn dɔm ano sɛ wɔretu sa ne Israel akɔko. Na Akis ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Hu pefee sɛ wo ne me na ɛbɛkɔ ɔsa yi, wo ne wo mmarima no.
2Na Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ: Ɛnne wubehu nea w’akoa bɛyɛ. Na Akis ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Enti nso mede wo mɛyɛ me ti wɛnfo nna nyinaa.
3 1 Sa 25.1; Eks 22.18 Nso na Samuel awu, na Israel nyinaa agyam no asie no Rama, n’ankasa ne kurom. Na Saul atu asamanfrɛfo ne asumanfo nyinaa afi asase no so.
4Na Filistifo no boaboaa wɔn ho ano bae bɛbɔɔ nsra Sunem. Na Saul boaboaa Israelfo nyinaa ano, na wɔbɔɔ nsra Gilboa.
5Na Saul huu Filistifo nsra no no, osuroe, na ne koma tui papaapa.
61 Sa 14.37; 23.9; Eks 28.30 Na Saul kobisaa AWURADE, nanso ɔdae mu oo, Urim ntonto so oo, adiyifo anom oo, AWURADE ammua no.
7Aso 16.16 Ɛnna Saul ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Monkɔhwehwɛ ɔbea samanfrɛfo bi mma me, na menkɔ ne hɔ abisa. Na ne nkoa no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, ɔbea samanfrɛfo bi wɔ Endor.
8Na Saul sakraa ne ho hyɛɛ atade foforo, na osiim kɔe, ɔno ne nnipa baanu a wɔka ne ho, na woduu ɔbea no nkyɛn anadwo; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa ɔsamanfrɛ so hyɛ me nkɔm, na ma nea mɛbɔ ne din makyerɛ wo no mforo mmra mma me.
9Na ɔbea no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, wo ara wunim nea Saul ayɛ, sɛnea watwitwa asamanfrɛfo ne asumanfo afi asase yi so, na ɛdɛn nti na woresum me kra afiri ama wɔakum me yi?
10Na Saul kaa no AWURADE ntam sɛ: Sɛ AWURADE te ase yi, worenni asɛm yi mu so bi.
11Ɛnna ɔbea no kae sɛ: Hena na memma ɔmforo mmra mma wo? Na ose: Ma Samuel mforo mmra mma me.
12Na ɔbea no huu Samuel no, ɔde nne kɛse teɛɛm, na ɔbea no ka kyerɛɛ Saul sɛ: Ɛdɛn nti na woadaadaa me yi? Na wone Saul.
13Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro! Na ɛdɛn na wuhu? Na ɔbea no se: Onyame bi na mihu sɛ ofi asase mu reforo aba.
14Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ne su te dɛn? Na ose: Akwakoraa bi a ɔhyɛ atade yuu na ɔreforo ba. Na Saul hui sɛ ɛyɛ Samuel, na ɔbɔɔ ne mu ase kotow sɔree no.
15Na Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: Ɛdɛn nti na wohaw me ma meforo mebae yi? Na Saul buae sɛ: Me ho hia me papaapa, na Filistifo ne me reko, na Onyankopɔn apa m’akyi, na ommua me bio, ɔmfa adiyifo so, na ɔmfa adae mu nso, enti na mafrɛ wo yi, sɛ kyerɛ me nea menyɛ.
16Na Samuel kae sɛ: Ɛdɛn nti na wunim sɛ AWURADE apa w’akyi na wadan wo tamfo na wubisa me ade yi?
17Na AWURADE ayɛ sɛnea ɔnam me so kae no, na AWURADE ahuam wo nsam ahenni no de akɔma wo yɔnko Dawid.
181 Sa 15.18-19 Esiane sɛ woantie AWURADE nne na woanyɛ n’abufuhyew so ade Amalekfo so nti, na AWURADE ayɛ wo ɛso ade nnɛ yi.
191 Sa 31.6 Na AWURADE de Israel nso ne wo bɛhyɛ Filistifo nsa: Na ɔkyena wo ne wo mma bɛba abɛka me ho, na AWURADE de Israel dɔm nso bɛhyɛ Filistifo nsa.
20Ɛnna ntɛm ara Saul hwee ase tɔtɔtee birim, na Samuel nsɛm no nti osuroe papaapa, nso ahoɔden biara nni ne mu, efisɛ na onnidii da mu no nyinaa ne anadwo mu no nyinaa.
21Na ɔbea no baa Saul nkyɛn, na ohuu sɛ wayɛ yoo, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, w’afenaa atie wo, na mede me kra mato me nsam, na matie wo nsɛm a woka kyerɛɛ me no,
22na wo nso tie w’afenaa, na ma memfa abodoo buprɛko mimmesi w’anim, na di, na woanya ahoɔden de asi wo kwan so akɔ.
23Na wampene, kae sɛ: Merenni. Na ne nkoa ne ɔbea no nso hyɛɛ no, na otiee wɔn, na ɔsɔre fii fam tenaa mpa so.
24Nso ɔbea no wɔ nantwi ba a wadɔ ofie hɔ, na ɔyɛɛ ntɛm kum no, na ɔfaa asikresam fɔtɔwee, na ɔde too apiti;
25na ɔde besii Saul ne ne nkoa no anim na wodii; na wɔsɔre siim kɔe anadwo no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.