Ester Nhoma 14 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Ester Mpaebɔ

1Na ɔhemmea Ester de ahoyeraw guan toaa AWURADE, oyii n'atade fɛfɛ no, na ɔhyɛɛ ahoguan ntade na osui; na sɛ ɔbɛsra sradehuam ne bo yɛ den no, ɔde nso ne nwura guu ne ti so, na ɔbrɛɛ ne ho ase komm, na baabiara a anka n'anigye wɔ no, wankɔ hɔ.

3Na ɔbɔɔ mpae srɛɛ Israel AWURADE Nyankopɔn sɛ:

Ao M'AWURADE, wo nko ara ne yɛn hene, boa me, mayɛ ankonam, na minni ɔboafo bi ka wo ho.

4Amane ato me.

5Fi bere a wɔwoo me, mate wɔ m'abusua, ne ɔman mu sɛ: Ao AWURADE, wo na woyii Israel fii aman nyinaa mu, ne yɛn agyanom, ne wɔn nananom nyinaa mu, sɛ agyapade a enni awiei. Na woyɛɛ nea wohyɛɛ ho bɔ nyinaa maa wɔn.

6Na afei yɛayɛ bɔne wɔ w'anim na wode yɛn ahyɛ yɛn atamfo nsa,

7efisɛ yɛhyɛɛ wɔn abosom anuonyam. Woyɛ ɔtreneeni, Ao AWURADE!

8Na afei mpo wɔn koma ntɔ wɔn yam sɛ yɛwɔ nkoasom yayaayaw yi mu; na mmom wɔne wɔn abosom aka ntam sɛ:

9wobɛsɛe nea wode w'ano atew ho no, ne w'agyapade, na wɔasiw wɔn a woyi wo ayɛ no kwan, na wɔadum w'afɔremuka so gya, na wɔasɛe wo fi anuonyam,

10na wɔama aman de wɔn ano ayi wɔn abosom huhu no ayɛ, na wɔahyɛ asase so hene, a ɔyɛ onipa dasani no anuonyam afebɔɔ.

11Ao AWURADE, nnyaa w'akofena mu mma ade ɔhome nni mu. Na mma wonnsi yɛn atwetwe wɔ yɛn asehwe mu. Mmom dan wɔn nhyehyɛe tia wɔn ankasa. Na fa nea ɔhyɛɛ eyi ase de retia yɛn no yɛ nhwɛso.

12Ao AWURADE; yi wo ho adi wɔ yɛn ahohia bere yi mu. Na ma me akokoduru. Ao, wo a wodi hene wɔ abosom, na woyɛ ahemman nyinaa so Tumfo.

13Tew m'ano wɔ gyata no anim, na dan ne koma ma onkyi onipa a ɔreko atia yɛn no. Na ɔne wɔn wɔne no yɛ adwene no awiei aba.

14Fa wo basa gye yɛn, na boa me a mayɛ ankonam, na minni boafo bi ka wo ho yi. Ao AWURADE,

15Wowɔ ade nyinaa ho nimdeɛ; na wonim sɛ mikyi mumɔyɛfo ahokyerɛ ne wɔn atirimmɔden. Na mempɛ momonotofo mpa ne ananafo nso de.

16Wonim m'ahiasɛm, sɛ mempɛ me gyinabea a ɛkrɔn no ho nsɛnkyerɛnne a mesoa no bere a merepue wɔ gua mu no. Na mikyi no sɛ ntama fi, na menyɛ no, me bɔnnɔ bere mu.

17Na w'akoa nnidii wɔ Haman pon so da, na ɔhene apontow ase nso menkɔ. Na nsa nso a wɔde akankye nso mennom bi.

18W'akoa nnyaa ahotɔ bi da, fi da a wɔde me baa ha besi nnɛ. Gye wo mu, Ao Abraham AWURADE Nyankopɔn.

19Ao AWURADE a wo tumi boro ade nyinaa so, tie nea ne werɛ ahow nne, na gye yɛn fi amumɔyɛfo nsa. Na gye me fi me suro mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help