1Na eyi ne mmara nsɛm, ahyɛde ne atemmude a AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ sɛ wɔnkyerɛkyerɛ mo na monyɛ asase a moretwam akɔfa no so,
2na woasuro AWURADE wo Nyankopɔn adi n’ahyɛde ne ne mmara nsɛm a merehyɛ wo yi nyinaa so, wo ne wo ba ne wo ba ba, wo nkwa nna nyinaa, na wo nna aware.
3Enti, Israel, tie, na hwɛ yɛ, na asi wo yiye, na woadɔɔso pii, sɛnea AWURADE w’agyanom Nyankopɔn ka kyerɛɛ wo no, asase a nufusu ne ɛwo sen so no so.
4Mar 12.29; 1 Ko 8.4, 6 Israel, tie, AWURADE yɛn Nyankopɔn ne AWURADE koro.
5Deut 10.12; Mat 22.37 Na fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ AWURADE wo Nyankopɔn.
6Deut 11.18-20 Na nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so;
7Gye 18.19 na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitena mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu;
8Eks 13.9 na fa yɛ sɛnkyerɛnne kyekyere wo nsa, na ɛnyɛ w’aniwa ntam nkae ntamabamma;
9na kyerɛw gu wo fi apongua ho ne w’aponkɛse so.
10Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn nya de wo du asase a ɔkaa w’agyanom Abraham, Isak ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma wo no so, nkurow akɛse a ɛyɛ fɛ a ɛnyɛ wo na wokyekyee,
11Deut 8.10 ne adan a nnepa nyinaa ayɛ no amaama a ɛnyɛ wo na wode hyehyɛɛ mu, ne mmura a wɔatutu a ɛnyɛ wo na wututui, bobe nturo a ɛnyɛ wo na wotetɛwee, na sɛ wudidi na womee a,
12hwɛ yiye na wo werɛ amfi AWURADE a oyii wo Misraim asase so fii nkoa fi no:
13Deut 10.20; Mat 4.10 AWURADE wo Nyankopɔn na suro no, na ɔno na som no, na ne din ho ntam na ka;
14munnni anyame foforo a wofi amanaman a wogugu mo ho no anyame mu akyi;
15Eks 20.5 na AWURADE wo Nyankopɔn a ɔwɔ wo mu no yɛ Onyankopɔn ninkufo, na AWURADE wo Nyankopɔn abufuw annɛw anhyɛ wo, na wansɛe wo amfi asase ani.
16 Mat 4.7; Eks 17.2, 7 Monnsɔ AWURADE mo Nyankopɔn nnhwɛ, sɛnea mosɔɔ no hwɛe Masa hɔ no;
17munni AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm ne n’adansesɛm ne n’ahyɛde a wahyɛ mo no so pɛpɛɛpɛ;
18na yɛ nea ɛteɛ na eye AWURADE ani so, na asi wo yiye, na woakɔ akɔfa asase pa a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no,
19Eks 23.27-28 na watu w’atamfo nyinaa afi w’anim, sɛnea AWURADE kae no.
20 Eks 13.14 Sɛ ɔkyena bi wo ba bisa wo sɛ: Adansesɛm ne ahyɛde ne atemmude bɛn na AWURADE yɛn Nyankopɔn de hyɛɛ mo yi a?
21Nnw 44.1 Ka kyerɛ wo ba no sɛ: Yɛyɛɛ Farao nkoa Misraim, na AWURADE de nsa a ɛyɛ den yii yɛn fii Misraim;
22na AWURADE maa nsɛnkyerɛnne ne anwonwade akɛse a ɛyɛ hu baa Misraim, Farao ne ne fi nyinaa so wɔ yɛn anim;
23na yɛn de, oyii yɛn fii hɔ sɛ ɔde yɛn reba, de asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ yɛn agyanom no abɛma yɛn.
24Na AWURADE hyɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ ahyɛde yi nyinaa na yensuro AWURADE yɛn Nyankopɔn, na ensi yɛn yiye nna nyinaa, na ɔmma yennya nkwa, sɛ ɛte nnɛ yi;
25na sɛ yɛhwɛ di mmara nsɛm yi nyinaa so AWURADE yɛn Nyankopɔn anim, sɛnea ɔhyɛɛ yɛn no a, ɛbɛyɛ yɛn atreneefo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.