1 Nnw 107.1; 118.1; 136.1 Munyi AWURADE ayɛ!
Monna AWURADE ase, na oye,
na n’adɔe wɔ hɔ daa.
2Hena na obetumi aka AWURADE mmaninne,
na wama wɔate n’ayeyi nyinaa?
3Nhyira ne wɔn a wokura atemmu mu,
ne nea odi asɛntrenee daa nyinaa.
4AWURADE, wo man ho anisɔ no mu, kae me,
wo nkwagye mu, bɛhwɛ me,
5na minhu wɔn a woapaw wɔn no yiyedi,
na m’ani nnye wo nkurɔfo no anigye ho bi,
na me ne w’agyapade nhyehye yɛn ho.
6 Dan 9.5 Yɛne yɛn agyanom ayɛ bɔne,
yɛafom, yɛayɛ bɔne kɛse.
7 Eks 14.11-12 Yɛn agyanom anhu w’anwonwade Misraim,
wɔankae w’adɔe dodow no,
na wɔtew atua ɛpo ho, mmɛw po ho.
8Nanso ne din nti ogyee wɔn,
sɛ ɔbɛma wɔahu ne mmaninyɛ.
9Ɔteɛteɛɛ mmɛw po no ma ɛyowee,
na ɔde wɔn faa abun mu sɛ sare so.
10Na ogyee wɔn fii nea okyi wɔn no nsam,
na oyii wɔn fii ɔtamfo nsam,
11na nsu kataa wɔn ahohiafo so,
wɔn mu biako po anka.
12 Eks 15 Ɛnna wogyee ne nsɛm dii,
wɔtoo n’ayeyi dwom.
13Wɔn werɛ fii ne nneyɛe ntɛm,
wɔantwɛn n’agyinatu.
14 Num 11.4-6 Na wɔn kɔn dɔe ntraso sare so,
na wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe nkyerekyerewa so.
15Ɛnna ɔmaa wɔn nea wobisae,
nanso ɔmaa ɔfɔn baa wɔn kra mu.
16 Num 16 Na wɔn ani beree Mose, nsra no mu,
ne Aaron, AWURADE hotefo no.
17Asase bue menee Datan,
na ɛkataa Abiram asafo so.
18Na ogya sɔ kɔkaa wɔn asafo,
ogyaframa taforoo abɔnefo no.
19 Eks 32 Wɔyɛɛ nantwi ba Horeb,
na wɔkotow ohoni a wogui.
20 Rom 1.23 Na wɔsakraa wɔn anuonyam
yɛɛ no nantwi a ɔwe wura sɛso.
21 Deut 32.18 Wɔn werɛ fii Nyankopɔn a ogyee wɔn,
na ɔyɛɛ nneɛma akɛse Misraim,
22na ɔyɛɛ anwonwade, Ham asase so,
ne ahude, mmɛw po ho no.
23 Hes 13.5 Na ose anka ɔbɛsɛe wɔn,
nanso Mose a oyii no no
kogyinaa n’anim siw abu no ano,
sɛ ɔrepam n’abufuw no, na wansɛe wɔn.
24 Num 14.2-4 Na wɔtoo asase a eye no ho mpe,
wɔannye n’asɛm anni.
25Wonwiinwii wɔn ntamadan mu,
na wɔantie AWURADE asɛm.
26Ɛnna ɔmaa ne nsa so hyɛɛ wɔn
sɛ ɔbɛma wɔatotɔ sare so,
27na wabɔ wɔn asefo agu amanaman mu,
na wapansam wɔn, nsaase so.
28 Num 25.3 Na wɔde wɔn ho bɔɔ Baal-peor ho,
na wodii adefunu afɔrebɔde,
29na wɔde wɔn nneyɛe yii no ahii,
na owuyare baa wɔn mu.
30Na Pinehas sɔre gyina patae,
na osoo owuyare no ano.
31 Gye 15.6; Num 25.12 Na wobuu eyi trenee maa no
kɔɔ mma mma so kosi daa.
32 Num 20.2-13 Na woyii no abufuw, Meriba nsu no so,
na wɔn nti ewiee Mose bɔne.
33Na wɔhow ne honhom werɛ,
na ɔde n’ano woroo nsɛm.
34 Deut 7.1-2; 12.2-3; Ate 1.28 Wɔankunkum aman a AWURADE kaa wɔn ho asɛm no,
35na wɔfrafraa amanaman no mu,
na wosuasuaa wɔn nneyɛe.
36Na wɔsom wɔn ahoni,
na ɛdan wɔn afiri.
37 Lew 18.21 Na wɔde wɔn mmabanin ne wɔn mmabea
bobɔɔ afɔre maa abosom,
38na wɔkaa mogya a enni fɔ gui,
wɔn mmabanin ne wɔn mmabea mogya,
wɔde wɔn bɔɔ afɔre maa Kanaan ahoni,
ma mogya guu asase no ho fi.
39Na wɔde wɔn nneyɛe maa wɔn ho yɛɛ nwini,
na wɔde wɔn nsɛnnii dan nguaman.
40Ɛnna AWURADE abufuw dɛw hyɛɛ ne man,
na okyii n’agyapade.
41 Ate 2.14 Na ɔde wɔn hyɛɛ amanaman nsa,
na wɔn a wokyi wɔn dii wɔn so.
42Na wɔn atamfo hyɛɛ wɔn so,
na wɔbrɛɛ wɔn ase hyɛɛ wɔn nsa ase.
43Ogyee wɔn mpɛn pii,
na wɔn de, wɔyɛɛ mpi tew atua,
na wɔbrɛɛ wɔn ase wɔn amumɔyɛ mu.
44Nanso ɔhwɛɛ wɔn ahohia maa wɔn,
otiee wɔn nkɔmmɔdi no.
45Na ɔkaee n’apam maa wɔn,
na n’adɔe dodow nti ɔyɛɛ timmɔbɔ.
46Na ɔmaa wɔn a wɔfaa wɔn nnommum nyinaa
huu wɔn mmɔbɔ.
47 Deut 30.3 Gye yɛn nkwa, AWURADE, yɛn Nyankopɔn,
na boaboa yɛn ano fi amanaman mu,
na yɛnna wo din kronkron no ase,
na yɛmfa w’ayeyi nhyehye yɛn ho.
48 Nnw 41.13 Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn
fi daapem kosi daapem,
na ma ɔman mu no nyinaa nse sɛ:
Amen. Munyi AWURADE ayɛ!
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.