1 Sir 24.23 Ɔno ne nhoma a Onyankopɔn mmara nsɛm wom,
mmara a etim hɔ afebɔɔ.
Wɔn a wokura mu yiye no nyinaa benya nkwa,
na wɔn a wɔpo no nyinaa bewuwu.
2O, Yakob, san na beso no mu;
nantew kɔ ne hann a ɛhyerɛn no ho.
3Mfa w’anuonyam mma obi,
anaa w’agyapade nso mma ananafo.
4O Israel, yɛn ani gye,
efisɛ yenim Onyankopɔn apɛde.
Yerusalem Nkuranhyɛ5Me nkurɔfo, monhyɛ mo ho den,
mo a moma Israel din tena hɔ!
6Ɛnyɛ ne sɛe ho nti
na wɔtɔn mo maa amanaman,
na mmom wɔde mo hyɛɛ mo atamfo nsa
efisɛ moyii Onyankopɔn abufuw.
7Efisɛ moyii nea ɔbɔɔ mo no abufuw,
efisɛ mobɔɔ afɔre maa ahonhomfi, na moammɔ bi amma Onyankopɔn.
8Mo werɛ fii daadaa Nyankopɔn a, ɔhwɛɛ mo no
na mohow Yerusalem a ɔyɛn mo no werɛ.
9Na mohuu abufuhyew
a efi Nyankopɔn hɔ
baa mo so no, na ɔkae sɛ:
Montie, mo Sion ahotenafo,
Onyankopɔn de awerɛhow kɛse aba me so;
10na mahu me mmabanin ne me mmabea nnommum
a Ɔdomankoma ma wɔkɔɔ mu.
11Mede anigye na ɛyɛn wɔn,
nanso osu ne awerɛhow na mede gyaa wɔn kwan.
12Mma obiara nni me ho ahurusi,
me a meyɛ okunafo
ne dodow a wɔwɔ awerɛhow mu;
Wogyaa me nkutoo, me mma bɔne nti,
efisɛ wɔtwee wɔn ho fii Onyankopɔn mmara ho.
13Wɔammu ne mmara no hwee;
wɔanni Onyankopɔn mmara so,
nso wɔannantew n'akwantrenee so.
14Ma Sion ahotenafo mmra,
monkae me mmabanin ne me mmabea nnommum
a Ɔdomankoma de baa wɔn so no.
15Na ɔde ɔman fi akyirikyiri baa wɔn so,
ɔman a wommu hwee, na wɔka kasa basabasa,
na wɔmfa nidi mma mpanyin,
na wonni ɔtema ma mmofra.
16Wɔfaa okunafo mmabanin a ɔdɔ wɔn no kɔe,
na wohwim ɔbea ankonam mmabaa wɔ ne ho kɔe.
17Na me de, minsi dɛn mmoa wo?
18Na nea ɛnam no so ma saa mmusu yi baa mo so no,
obegye mo afi mo atamfo nsam.
19 2 Es 2.2 Monkɔ, me mma, monkɔ;
na wɔagyaw me nkutoo.
20Mayi asomdwoe atade no agu nkyɛn
na mafura brisii de abɔ mpae.
Mesu afrɛ Ɔdomankoma me nna nyinaa.
21Monhyɛ mo ho den, me mma, munsu mfrɛ Awurade
na obegye mo afi ɔtamfo no tumi ase.
22Mede me werɛ ahyɛ Ɔdomankoma mu sɛ onnye mo
na anigye afi Ɔkronkroni no hɔ aba me so.
efisɛ n'ahummɔbɔ renkyɛ koraa na aba mo so
efi Ɔdomankoma anim hɔ na aba mo so.
23Na Mede awerɛhow ne nusu na egyaa mo kwan,
Na Onyankopɔn de mo bɛsan
abrɛ me wɔ anigye ne ahurusi mu afebɔɔ.
24Na sɛnea Sion ahotenafo ahu mo nnommum no,
saa ara na ɛrenkyɛ biara wobehu mo nkwagye a efi Awurade hɔ
sɛ ɛbɛba mo so wɔ anuonyam kɛse mu
wɔ anuonyam fɛfɛ mu daa afebɔɔ.
25Me mma, momfa ntɔboase,
ne animia nhu amane wɔ Nyankopɔn abufuhyew a aba mo so no ho.
Mo atamfo ahyɛ mo so,
nanso ɛrenkyɛ mobehu wɔn sɛe
na mobetiatia wɔn so.
26Me mma a m'akorɔkorɔ mo afa kwan kɔntɔnkye so,
wɔde mo kɔe sɛ nguankuw a ɔtamfo asoa wɔn kɔ.
27Monsi abotare, me mma, na munsu mfrɛ Nyankopɔn,
na ɔno ara a ɔmaa eyi baa mo so no, ɔno ara nso bɛkae mo.
28Na sɛnea mode mopɛ man fii Nyankopɔn nkyɛn kɔe no,
momfa mmɔdemmɔ mmɔho du nsan mmɛhwehwɛ no.
29Na nea ɔde saa ahoyeraw yi baa mo so no,
de anigye ne daa nkwa bɛbrɛ mo.
Wɔhyɛ Yerusalem mmoa ho bɔ30Nya akokoduru, O, Yerusalem,
na nea ɔtoo wo din no bɛkyekye wo werɛ.
31Wɔn a wɔhyɛɛ wo so no ho bɛkyere wɔn
ne wɔn a w’asehwe nti wodii wo ho fɛw no.
32Ahenkurow a mo mma yɛɛ nkoa wɔ mu no, bɛyɛ mmɔbɔ;
na nkuropɔn a wogyee mo mma no tebea bɛyɛ awerɛhow.
33Na sɛnea odii ahurusi wɔ w’asehwe ho no
na odii ahurusi wɔ wo sɛe ho no,
saa ara na awerɛhow bɛka no wɔ ne sɛe ho.
34Na meyi n'ahantan no wɔ ne nnipa dodow mu,
na n’ahomaso bɛdan awerɛhow.
35Na gya befi Ɔdomankoma anim
aba no so nna pii,
na sunsumfi bɛtena no so
daa nyinaa.
36Hwɛ apuei, O, Yerusalem,
na hwɛ anigye a efi Nyankopɔn nkyɛn reba hɔ!
37Hwɛ, wo mma a wopam wɔn kɔe no, reba wo hɔ,
wɔreba, afi apuei ne atɔe.
Ɔkronkroni no asɛm nti,
wɔredi ahurusi wɔ Nyankopɔn anuonyam mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.