1Ayeforohyia no akyi no, Tobit frɛɛ ne ba Tobias, na osee no sɛ: Me ba, hwɛ na fa onipa a ɔne wo kɔe no akatua ma no, na bio nso, to mu kɛse.
2Na obuae sɛ: M'agya, ahe na mintua no? Na ɛrensɛe hwee sɛ mede agyapade a mede bae no mu fa bɛma no.
3Efisɛ ɔno na ɔde me asan abrɛ wo asomdwoe mu, ɔno na ɔsaa me yere yare, ɔne me de sika no nso aba, na ɔno koro ara nso na ɔsaa wo yare. Mento ne sika no mu nkodu ahe?
4Tobit frɛɛ no kae sɛ: Me ba, ɛfata sɛ, yɛde nea mo baanu de bae no mu fa ma no.
5Enti Tobias frɛɛ no kae sɛ: Gye w'akatua. Ɛyɛ nea yɛde bae no mu fa. Afei nantew yie.
Rahael afotu6Akyiri yi Rapheal frɛɛ wɔn baanu no kokoam tuu wɔn fo sɛ: Monyi Nyankopɔn ayɛ na monhyɛ no anuoyam wɔ nnipa nyinaa anim, wɔ nea wayɛ ama mo nti. Munhyira no na monto dwom mma ne din. Monnyɛ nnyaa sɛ mode ayeyi a ɛfata bɛma no.
7Eye sɛ wɔkora ɔhene ahintasɛm so, na mmom Nyankopɔn adwuma de, eye sɛ wɔda no adi hyɛ no anuonyam ara. Monyɛ nea eye, na bɔne anni mo so.
8Sir 29.8-13 Mpaebɔ ne akɔnkyen ye, na mmom nea ɛkyɛn ne nyinaa ne afɔrebɔ ne papayɛ. Papayɛ kakra ye sen ahonyade a bɔne ka ho.
9Mmb 11.4; Dan 4.27; Sir 3.30 Efisɛ ayɛyɛde twe nnipa fi owu mu, na ɛhohoro bɔne biara. Wɔn a wɔyɛ adɔe no benya abrabɔ mu nnepa.
10mmom wɔn a wɔyɛ bɔne no, yɛ atamfo ma wɔn ankasa ho.
Rahael da ne ho adi11Mereda biribiara adi akyerɛ wo. Maka akyerɛ wo dedaw sɛ: Eye sɛ wokora ɔhene ahintasɛm so, na mmom Onyankopɔn anuonyam ne ne nnwuma de wɔda no adi.
12Hiob 33.23, 24; Aso 10.4; Adi 8.3, 4 Ɛno nti wo ne Sara bɔɔ mpae no, me na mede mo mpaebɔ no kɔtoo Awurade anim; na bere biara wobesie awufo no na migyina wo nkyɛn.
13ne bere biara a wobɛsɔre agyaw w'aduan hɔ akosie awufo no.
14Nti afei Onyankopɔn somaa me sɛ memmɛsa wo ne w'ase Sara yare.
15Sak 4.10; Luka 1.19; Adi 8.2 Me ne Rahael, ɔsoro abɔfo baasɔn a wɔde ahoteefo mpaebɔ kɔ Awurade nuonyamfo no anim no mu baako.
16Wɔn baanu nyinaa bɔɔ hu; na wɔde wɔn anim butubutuw fam, efisɛ wɔn koma tui.
17Na osee wɔn sɛ: Munnsuro, asomdwoe nka mo. Munyi Nyankopɔn ayɛ daa nyinaa.
18Bere a me ne mo nam no mamfa me tumi so anyɛ biribi, mmom Onyankopɔn pɛ so. Ne saa nti munyi no ayɛ na monto no dwom daa afebɔɔ.
19Ɛwom sɛ na mohwɛɛ me de, nanso mamfa nsu anaa aduan biara anka m'ano. Nea muhui no yɛ anisoadehu.
20Enti afei monsɔre mfa nnaase mma Nyankopɔn. Hwɛ mereforo akɔ nea ɔsomaa me no nkyɛn. Monkyerɛw nea esii nyinaa nhyɛ nhoma mu. Na ɔforo kɔe.
21Afei wɔsɔre gyinae, nanso wɔannhu no bio.
22Nti wɔkaa Onyankopɔn anwonwade akɛse yi de too gua, na wɔtoo dwom sɛ: Awurade asoma ne bɔfo abeyi ne ho adi akyerɛ wɔn.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.