Yesaia 64 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

1O, sɛ wusunsuane ɔsoro mu sian

na mmepɔw wosow w’anim ɛ!

2Sɛ ogya sɔ mmobaa

na ogya huru nsu no

na woama w’atamfo ahu wo din,

na amanaman ho apopo, w’anim!

3Woyɛɛ nneɛma a ɛyɛ hu a yɛn ani anna so,

wusian sii fam, na mmepɔw wosowee w’anim!

4 1 Ko 2.9 Na efi tete bemee wɔntee,

ɛnkɔɔ obi asom,

aniwa nso nhui Onyankopɔn bi

a odi ma nea n’ani da no so, gye wo nko.

5Wuhyia nea ɔde anigye di asɛntrenee,

wɔn a wɔkae wo, w’akwan so no.

Hwɛ, wo bo fuwii, na yɛyɛɛ bɔne;

na ɛno mu na yɛwɔ dabidabi yi,

na wobegye yɛn nkwa anaa?

Bɔne mpaemuka

6Na yɛn nyinaa ayɛ sɛ nea ne ho ntew,

na yɛn adetrenee nyinaa te sɛ ntamagow afiafi;

na yɛn nyinaa kisa sɛ ahaban,

na yɛn amumɔyɛ soa yɛn kɔ sɛ mframa;

7na obi nni hɔ a ɔbɔ wo din

anaasɛ ɔkanyan ne ho so wo mu;

na woayi w’ani ahintaw yɛn,

na yɛn amumɔyɛ nti woama yɛayera.

8 Yes 63.16; 45.9 Na afei, AWURADE, yɛn agya ne wo;

yɛn de, dɔte ne yɛn, na wone yɛn nwemfo,

na wo nsa ano adwuma ne yɛn nyinaa.

9O AWURADE, mma wo bo nnhuru bebree,

na nkae amumɔyɛ nkosi daa.

Hwɛ, ma w’ani mmra so ɛ, wo man ne yɛn nyinaa.

10 Nnw 74.7; 79.1 Wo kronkronyɛ nkurow adan sare so,

Sion adan sare so,

Yerusalem ayɛ akurofo.

11Yɛn kronkronyɛ ne yɛn anuonyam fi

a yɛn agyanom yii wo emu ayɛ no,

wɔde gya ahyew,

na yɛn afɛfɛde nyinaa ayɛ amamfo.

12So eyinom nyinaa mu, wobɛtwe wo ho so ara?

AWURADE, wobɛyɛ komm abrɛ yɛn ase koraa?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help