Yesaia 22 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Yerusalem ateɛteɛ

1 Yes 15.3 Adehu bon no ho atemmusɛm:

Ɛdɛn na ɛyɛ wo

na wo nnipa nyinaa aforo kɔ adan atifi yi?

2Wo a huuyɛ ayɛ wo ma,

hooyɛ kurow, ahosɛpɛw kurow,

w’atɔfo antotɔ afoa ano,

na wɔanwuwu ɔko mu.

3Wo mmapɔmma nyinaa abom aguanguan kɔ;

ɛnyɛ ta na wɔde kyeree wɔn.

Wo nnipa a wohuu wɔn no nyinaa,

woguan kɔɔ akyirikyiri, nso wɔkyeree wɔn nyinaa.

4Enti na mise:

Munyi mo ani mfi me so

na minsu osu yawyaw.

Monnhaw mo ho sɛ mobɛkyekye me werɛ,

me man babea no sɛe ho.

5Na AWURADE, asafo AWURADE wɔ da bi,

ɛyɛ hooyɛ ne ntiatiaso ne ahoyeraw da,

adehu bon no mu,

wodwiriw fasu no,

wɔteɛm ma egyigye mmepɔw so.

6Na Elam so agyan kotoku mu

de nteaseɛnam ne nnipa ne apɔnkɔfo reba,

na Kir nso ayi kyɛm adi;

7na nteaseɛnam bɛyeyɛ wo abon a ɛyɛ fɛ no

amaama na apɔnkɔfo nso agyinagyina kurow pon ano.

8 1 Ah 7.2 Na obeyi Yuda so nkataho no.

Na ɛda no, wode w’ani bɛto kwae fi no mu akode so,

9Yes 7.3 na Dawid kurow no mu mpaepae no, mubehu sɛ ayɛ bebree, na moaboa ase tare no mu nsu ano;

10Yer 33.4 na mobɛkan Yerusalem adan, na moaburuw adan no, sɛ mode rewowaw fasu no;

11na mubetwa ɛkɔ wɔ afasu abien no ntam ama ɔtare dedaw no mu nsu no, nanso morenhwɛ nea ɔyɛɛ ade no, na nea teteete no ɔhyehyɛe no, moremmu no.

12Na ɛda no, AWURADE, asafo AWURADE,

frɛɛ nnipa baa osu ne adwotwa

ne tikwawbɔ ne atweaatamfura mu,

13 1 Ko 15.32 Na hwɛ, ahosɛpɛw ne anigye,

anantwi menetwa ne nguan kum,

namdi ne nsanom ni:

Momma yennidi na yɛnnom,

na ɔkyena na yɛawu.

14Na asafo AWURADE ayi me asitiw sɛ:

Wɔremfa amumɔyɛ yi mfiri mo

kosi bere a mubewuwu:

AWURADE, asafo AWURADE, na ose.

Sebna asehwe

15 Yes 36.3 Sɛ AWURADE, asafo AWURADE, se ni: Kɔ ofie panyin Sebna yi a odi ofi no so no nkyɛn sɛ:

16Ɛdɛn na wowɔ yɛ wɔ ha? Na ɛhena na wowɔ no ha na woretwa ɔboda wɔ ha afa? Ɔretwa ɔboda wɔ nea ɛkorɔn, ɔreyɛ ne tenabea wɔ ɔbotan mu!

17Hwɛ, AWURADE bɛtow wo akyene anibere so, Yiw ɔbran katakyi obeso wo mu dennen,

18na wahwim wo atow wo sɛ okowa akyene asase a ɛtrɛw so, ɛhɔ na wobɛkɔ akowu, na ɛhɔ na w’anuonyam nteaseɛnam bɛkɔ, wo a woyɛ wo wura fi ahohora.

19Na mesum wo afi wo sibea, na wɔadwiriw wo afi wo gyinabea.

Wɔma Eliakim so

20 Yes 36.3 Na ɛbɛba da no sɛ mɛfrɛ m’akoa Hilkia ba Eliakim maba,

21na mede wo batakari mahyɛ no, na mede w’abɔso mabɔ no so, na mede wo panyinni mahyɛ ne nsa, na wayɛ agya ama Yerusalemfo ne Yuda fi.

22Adi 3.7 Na mede Dawid fi safe mato ne mmati, na wahiɛ, na obi anto mu, na wato mu, na obi anhiɛ.

23Na mɛyɛ no sɛ bofunnua mabɔ nea ɛhɔ yɛ den, na wayɛ anuonyam agua ama n’agya fi;

24na wɔde n’agya fi anuonyam nyinaa bɛma no, n’asefo ne mmanana nyinaa, nneɛma nketenkete nyinaa, efi nyowa so kosi nhina nyinaa so.

25Ɛda no, asafo AWURADE na ose, bofunnua a wɔde abɔ nea ɛhɔ yɛ den no bɛhɔn, na wɔabu ahwe fam, na adesoa a ɛsɛn so no asɛe, efisɛ AWURADE na waka.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help