1Afei bɔ tukuw, wo Sion babea;
wotua yɛn twa yɛn ho hyia;
wɔde abaa bɔ Israel temmufo abogye.
2 Mat 2.5-6; Yoh 1.1-2 Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata,
wo a woka mmusuakuw a wosua wɔ Yuda no ho,
wo mu ara na obi bɛba ama me,
na wabɛyɛ Israel so difo no;
nea n’ase fi tete nteredee,
fi tete nna no mu.
3 Yes 7.14; 11.12 Enti ɔde wɔn bɛma akosi
bere a ɔwofo bi bɛwo,
na ne nuanom nkae bɛsan
ne Israel mma nso aba.
4 Hes 34.23 Na obegyina hɔ ayɛn wɔn, AWURADE ahoɔden mu,
AWURADE ne Nyankopɔn din kɛseyɛ mu,
na wɔatena ase; na afei ɔbɛso
akosi asase awiei.
5 Yes 9.6; Efe 2.14 Na oyi bɛyɛ asomdwoe.
Sɛ Asaria ba yɛn asase so
na otiatia yɛn aban afɛfɛ mu a,
ɛnna yebesisi ahwɛfo baasɔn,
ne nnipa mu mmapɔmma baawɔtwe atia no.
6Na wɔde afoa ayɛn Asaria asase
ne Nimrod asase n’apon mu;
na sɛ Asaria ba yɛn asase so
na sɛ otiatia yɛn hye so a,
obegye yɛn afi ne nsam.
7 Nnw 110.3 Na Yakob nkae no
a amanaman bebree atwa ho ahyia no
bɛyɛ sɛ obosu a efi AWURADE nkyɛn,
sɛ nsu a ɛpete nhabamma so
ɛnhwɛ nkurɔfo bi kwan
na ɛntwɛn adasamma nso.
8 Nnw 7.2, 5 Na Yakob nkae no
bɛyɛ sɛ gyata wɔ kwae mu mmoa mu
amanaman bebree a atwa ahyia no mu,
sɛ gyataforo wɔ nguankuw no mu
sɛ ɔsen ba a otiatia so,
na ɔtetew mu a ogyefo bi nni hɔ.
9Ma wo nsa so, w’ahohiafo so,
na di w’atamfo so.
10 Sak 9.10 Na ɛda no, AWURADE asɛm ni,
metwitwa w’apɔnkɔ afi wo mu,
na masɛe wo nteaseɛnam,
11na matwitwa w’asase so nkurow agu,
na madwiriw w’abandennen nyinaa;
12 Sak 13.2 na metwitwa wo ntafowayi afi wo nsam,
na woannya akɔmfo bio;
13na metwitwa w’ahoni ne w’adum afi wo mu,
na woansɔre wo nsa ano adwuma bio;
14na metutu w’abosompɔw nnua afi wo mu,
na masɛe wo nkurow;
15na mede abufuw ne abufuhyew matɔ were,
amanaman a wɔantie no so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
