Marko 5 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Honhom fi bi tu(Mateo 8.28-34; Luka 8.26-40)

1Na woduu ɛpo no agya, Gerasafo asase so.

2Na ofii ɔkorow mu no, ntɛm ara na onipa bi a ɔwɔ honhom fi fi aboda mu wɔ asiei hyiaa no;

3ɔno na ɔde aboda no mu ayɛ ne tenabea. Na obiara ntumi mfa nkɔnsɔnkɔnsɔn po nkyekyere no,

4na wɔtaa de no to mpokyerɛ ne nkɔnsɔnkɔnsɔn mu, nanso ɔtetew nkɔnsɔnkɔnsɔn no bubu mpokyerɛ no; na obiara ntumi nnwudwo no.

5Na daa, anadwo ne awia, ɔwɔ aboda mu ne mmepɔw so teɛteɛm, na ɔde abo atwitwa ne ho.

6Na ohuu Yesu wɔ akyirikyiri no, otutuu mmirika bɛkotow no,

7

35Ogu so rekasa no, wofi hyiadan mu panyin no fi bae bɛkae sɛ: Wo babea no awu; adɛn na woda so haw ɔkyerɛkyerɛfo no?

36Na Yesu tee asɛm a wɔreka no, osee hyiadan mu panyin no sɛ: Nsuro, na gye di ara!

37Na wamma obiara anni n’akyi sɛ Petro ne Yakobo, ne Yakob ne nua Yohane.

38Na oduu hyiadan mu panyin no fi no, obehuu nnipa a wɔreyɛ gyegyeegye ne wɔn a wɔresu na wɔreyɛ hoo pii.

39Yoh 11.11 Na ɔhyɛn hɔ no, obisaa wɔn sɛ: Adɛn na moreyɛ gyegyeegye na moresu? Abofra no nwui, wada.

40Na wɔserew no. Na Yesu pam wɔn nyinaa, na ɔfaa abofra no agya ne ne na ne wɔn a wɔka ne ho no kɔɔ nea abofra no da hɔ.

41Luka 7.14 Na osoo abofra no nsa see no sɛ: Talita, kuum! Ase ne sɛ: Abeawa, mise wo sɛ, Nyan!

42Na ntɛm ara abeawa no sɔree na ɔnantewee; (na wadi mfirihyia dumien). Na wɔn ho dwiriw wɔn kɛse.

43Na ɔhyɛɛ wɔn dennennen sɛ wɔmmma obiara nnte; na ɔkae sɛ wɔmma no biribi nni.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help