Nnwom NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

NHYƐNMUNnwom nhoma no yɛ, nnwom ne mpaebɔ nhoma a ɛwɔ Bible no mu. Bere a ɛware na nnipa ahorow a wɔkyerɛw nnwom ne mpaebɔ no de boaboaa ano maa Israelfo nyamesom. Ɛno akyiri no, wɔde kaa Kyerɛw nhoma no ho.Saa nyamesom mu anwonsɛm no gu ahorow; mpaebɔ a ɛfa mmoa ho, banbɔ, ne nkwagye; bɔnefakyɛ ho srɛ; Onyankopɔn nhyira ho aseda; ne asotwe a ɛfata wɔn atamfo ho adesrɛ. Mpaebɔ no bi yɛ ankorɛankorɛ de, na ebi nso yɛ ɔman de. Ebi yɛ onipa biako bi ahiade ne n’atenka, na nea aka no yɛ Onyankopɔn nkurɔfo ahiade ne wɔn atenka.Yesu kasa fii nnwom no mu, na apam foforo akyerɛwfo nso yiyii wɔn nsɛm bi firii mu. Efi Kristosom mfiase no, abɛyɛ nhoma a ɛsom bo de abɛdu sesɛɛ.EMU NSƐMSɛnea wɔakyɛ nnwom ɔha aduonum a egu akuwakuw anaa nhoma ahorow anum no mu ni;Nnwom 1—41Nnwom 42—72Nnwom 73—89Nnwom 90—106Nnwom 107—150
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help