2 Ahene 23 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Yosia ti Onyankopɔn apam no mu(2 Berɛsosɛm 34.3-7, 29-33)

1 wokum a ɛwɔ Hinom mma bon mu no ho fi na obi amma ne babarima anaa ne babea amfa ogya mu amma Molek bio.

11Na oyii apɔnkɔ a Yuda ahene de ama owia no AWURADE fi no ano de kɔɔ opiani Natan-melek dan a ɛwɔ akyiri abangua mu no ho, na owia nteaseɛnam no, ɔde ogya hyewee.

122 Ah 16.10-11; 21.4-5; 2 Be 28.24 Na afɔremuka a ɛwɔ Ahas abansorodan atifi a Yuda ahene sisii, ne afɔremuka a Manase sisii AWURADE fi abangua abien no so no, ɔhene dwiriwii, na oyi fii hɔ, na ɔde ne mfutuma koguu Kidron subon mu.

131 Ah 11.7 Na sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Yerusalem anim a ɛwɔ ɔsɛe bepɔw nifa so a Israel hene Solomon si maa Sidonfo Astoret a ɛyɛ akyide, ne Moabfo Kemos a ɛyɛ akyide, ne Amonfo Milkom a ɛyɛ atantanne no, ɔhene guu ho fi.

14Na obubuu adum no, na otwitwaa Asera nnua no, na ɔde nnipa nnompe guguu ananmu.

15 1 Ah 12.32 Bio nso afɔremuka a ɛwɔ Betel, sorɔnsorɔmmea a Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no yɛe no, afɔremuka no nso ne sorɔnsorɔmmea no, oburuwii, na ɔhyew sorɔnsorɔmmea no yam no fekɔfekɔ ma ɛyɛɛ mfuturu, na ɔhyew Asera nnua no.

161 Ah 13.2 Na Yosia dan ne ho na ohuu adamoa a ɛwowɔ bepɔw no so hɔ no, ɔsoma kɔfaa ada no mu nnompe bɛhyewee afɔremuka no so de guu ho fi, sɛ AWURADE asɛm a Onyankopɔn nipa a ɔkaa nsɛm yi no paee mu kae no te.

171 Ah 13.30 Ɛnna ɔkae sɛ: Nkaebo bɛn na ɛwɔ hɔ a mihu yi? Na kurow no mufo ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛyɛ Onyankopɔn nipa a ofi Yuda bae na ɔbɛkaa ade a woayɛ Betel afɔremuka yi no damoa.

18Na ose: Momma ɔnna hɔ, obiara nnka ne nnompe. Enti wɔanka ne nnompe ne odiyifo a ofi Samaria bae no nnompe.

19Na sorɔnsorɔmmea adan a ɛwɔ Samaria nkurow mu a Israel ahene yeyɛe sɛ wɔde rehuru AWURADE bo no nyinaa nso, Yosia yiyi kɔe, na ɔyɛɛ no sɛnea ɔyɛe Betel no ara.

20Na ɔde sorɔnsorɔmmea asɔfo a wɔwɔ hɔ no nyinaa bobɔɔ afɔremuka no so afɔre, na ɔhyehyew nnipa nnompe wɔ so; na ɔsan baa Yerusalem.

Yosia di Twam afahyɛ(2 Berɛsosɛm 35.1-19)

21 Eks 12 Na ɔhene hyɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Munni Twam mma AWURADE mo Nyankopɔn, sɛnea wɔakyerɛw apam nhoma yi mu no.

22Na efi atemmufo a wobuu Israel atɛn no bere so ne Israel ahene ne Yuda ahene bere so nyinaa wɔanni Twam bi sɛ eyi,

23gye ɔhene Yosia afe a ɛto so dunwɔtwe no mu na wodii Twam yi maa AWURADE, Yerusalem.

24 Lew 20.27; Deut 29.17-18 Nanso asamanfrɛfo ne asumanfo ne ofie ahoni ne abosom ahoni ne akyide a wohui Yuda asase so ne Yerusalem no nyinaa, Yosia yi gui, sɛ ɔbɛma mmara nsɛm a wɔakyerɛw nhoma a ɔsɔfo Hilkia kohuu AWURADE fi no mu no atim.

252 Ah 18.5 Na ne sɛso hene bi anni n’anim a ɔde ne koma nyinaa ne ne kra nyinaa ne n’ahoɔden nyinaa dan baa AWURADE nkyɛn sɛ Mose mmara no kyerɛ no, na n’akyi nso obi ansɔre a ɔte sɛ ɔno.

26 2 Ah 21.11-16 Nanso AWURADE annan amfi n’abufuhyew kɛse a ɛdɛw hyɛɛ Yuda, abohuru a Manase de huruu ne bo no nyinaa nti, no mu.

272 Ah 17.18; 1 Ah 8.29 Na AWURADE kae sɛ: Meyi Yuda nso afi m’anim, sɛnea miyii Israel no, na mapo Yerusalem kurow a mafa yi ne ofi a mekae sɛ: Me din bɛtena hɔ, no.

28Na Yosia ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, wɔakyerɛw no Yuda ahene beresosɛm nhoma no mu.

Yosia wu

29Ne bere so na Misraim hene Farao Neko tu bae ne Asaria hene kɔkoe asubɔnten Eufrate ho. Na ɔhene Yosia siim kohyiaa no; na Farao Neko bɛtoo no no, okum no Megiddo.

302 Ah 9.28 Na ne nkoa twee ne funu no teaseɛnam mu fi Megido de no baa Yerusalem, na wosiee no ne da mu. Na asase no sofo no faa Yosia ba Yoahas sraa no sii no hene n’agya ananmu.

Yoahas di Yuda so hene(2 Berɛsosɛm 36.2-4)

31Yoahas bedii hene no, na wadi mfirihyia aduonu abiɛsa, na odii hene asram abiɛsa Yerusalem. Na ne na din de Hamutal, Yeremia a ofi Libna babea.

32Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ n’agyanom yɛe no ara.

33Hes 19.4 Na Farao Neko kyekyeree no Ribla, Hamat asase so, sɛ onnni Yerusalem so hene, na ɔde dwetɛ dwetikɛse ha ne sika dwetikɛse biako tow too asase no so.

Yehoiakim di Yuda so hene

34Na Farao Neko de Yosia ba Eliakim sii hene sii n’agya Yosia ananmu, na ɔsakraa ne din too no Yehoiakim; na Yoahas de, ɔfaa no kɔɔ Misraim, na okowui wɔ hɔ.

352 Ah 15.20 Na dwetɛ ne sika no, Yehoiakim de maa Farao, nanso ɔbɔɔ asase no bo sɛ wɔmma sika no sɛ Farao kae no: Obiara sɛ ne bobɔ te no, ogyee dwetɛ ne sika no fii asase no so nkurɔfo no nkyɛn, sɛ ɔde rekɔma Farao Neko.

36Yehoiakim bedii hene no, na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii hene mfe dubiako Yerusalem. Na ne na din de Sebuda, Pedaia a ofi Ruma babea.

37Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ n’agyanom yɛe no ara.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help