2 Berɛsosɛm 24 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Yoas nneyɛe pa

1Yoas dii mfe ason na obedii hene, na odii hene mfe aduanan Yerusalem, na ne na din de Sibia, ofi Beer-seba.

2Na Yoas yɛɛ nea ɛteɛ AWURADE ani so, ɔsɔfo Yehoiada bere no so nyinaa.

3Na Yehoiada waree yerenom baanu maa no, na ɔwowoo mmammarima ne mmabea.

4Na ɛno akyi no, ɛbaa Yoas koma mu sɛ ɔbɛpompam AWURADE fi no foforo.

5Na ɔboaboaa asɔfo no ne Lewifo no ano hyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mumfi adi nkɔ Yuda nkurow so, na monkɔboa dwetɛ ano mfi Israel nyinaa nsam, na wɔmfa mpompam mo Nyankopɔn fi no daa afe; na mo de, momma mo ho nyɛ hare asɛm yi mu. Nanso Lewifo no ho anyɛ hare.

6Eks 30.12-13 Ɛnna ɔhene no frɛɛ ɔpanyin Yehoiada, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na womma Lewifo no nnye Yuda ne Yerusalem tow a AWURADE akoa Mose ne Israel bagua no hyɛ maa adanse ntamadan no?

72 Be 22.3-4 Na Atalia, ɔbɔnefo no, ne mma atetew Onyankopɔn fi no mu, na AWURADE fi akronkronne nyinaa nso, wɔahwere ama Baalim.

8Na ɔhene no kae ma wɔpam adaka biako na wɔde sii AWURADE fi pon ano wɔ adiwo,

92 Be 24.6 na wɔpaee Yuda ne Yerusalem sɛ wɔmfa Onyankopɔn akoa Mose tow a ɔde too Israel so, sare so no, mmrɛ AWURADE.

10Na mmapɔmma no nyinaa ne ɔman no nyinaa ani gyei; na wɔde bae beguu adaka no mu ara kosii sɛ ɛyɛɛ ma.

11Na bere biara a Lewifo no behu sɛ sika adɔɔso wɔ adaka no mu na wɔde brɛ wɔn a ɔhene ahyɛ sɛ wɔnhwɛ so no, ɔhene kyerɛwfo ne nea ɔsɔfo panyin no ahyɛ sɛ ɔnhwɛ so no ba behwie fi adaka no mu, na wɔma so san de kosi ne sibea. Saa na wɔyɛ da biara da, na wɔboaboaa sika bebree ano.

12Na ɔhene ne Yehoiada de maa wɔn a wɔyɛ AWURADE fi som adwuma no, na wɔde bobɔɔ abopaefo ne adwumfo paa sɛ wɔnsiesie AWURADE fi no foforo, ne dade ne kɔbere adwumfo nso, sɛ wommiamia AWURADE fi no mu.

13Na wɔn a wɔyɛ adwuma no yɛe, na ɔpompam adwuma no kɔɔ so, wɔn nsam, na wɔde Onyankopɔn fi no sii hɔ ma ɛyɛɛ yiye na ɛyɛɛ den.

14Na wowiei no, wɔde sika no nkae baa ɔhene ne Yehoiada anim, na wɔde yeyɛɛ nneɛma maa AWURADE fi, ɔsom ne ɔhyew afɔre no ho nneɛma ne nkora ne sika ne dwetɛ nneɛma no. Na wɔbɔɔ ɔhyew afɔre AWURADE fi daa, Yehoiada bere no so nyinaa.

15Na Yehoiada bɔɔ akora na nna mee no, na owui. Na owui no, na wadi mfirihyia ɔha aduasa.

16Na wokosiee no Dawid kurow mu, ahene no nkyɛn, efisɛ odii asɛm pa, Israel ne Nyankopɔn ne ne fi no ho.

Yoas wae fi Onyankopɔn ho

17Na Yehoiada wu akyi no, Yuda mmapɔmma bae bɛkotow ɔhene no. Ɛnna ɔhene tiee wɔn.

18Na wogyaw AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn fi, na wɔkɔsom Asera nnua ne ahoni no. Na wɔn asodi yi nti abufuw baa Yuda ne Yerusalem so.

19Na ɔsomaa adiyifo baa wɔn mu sɛ wɔmmɛsan wɔn mmra AWURADE nkyɛn, na wodii wɔn adanse, nanso wɔantie.

20Na Onyankopɔn honhom baa ɔsɔfo Yehoiada ba Sakaria so, na okogyinaa soro ɔman no anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ Onyankopɔn se ni: Ɛdɛn nti na moto AWURADE mmara nsɛm? Na ɛrensi mo yiye. Sɛ moagyaw AWURADE yi, ɔno nso agyaw mo.

21Mat 23.35; Heb 11.37 Na wɔpam ne tiri so, na wokosiw no abo, sɛ ɔhene hyɛe no, AWURADE fi abangua so.

22Na ɔhene Yoas ankae adɔe a n’agya Yehoiada de yɛɛ no no, na okum ne ba no. Na ɔrewu no, ɔkae sɛ: AWURADE nhwɛ na ɔntɔ so were.

Yoas asotwe ne ne wu

23Na afe no dui no, Siriafo dɔm tu baa no so, na wɔbaa Yuda ne Yerusalem, na wɔbɛsɛee ɔman no mmapɔmma no nyinaa fii ɔman no mu, na wɔn asade no nyinaa, wɔde kɔmaa Damasko hene.

24Na nnipa kakraa bi na Siriafo dɔm de bae, nanso AWURADE de dɔm kɛse pa ara hyɛɛ wɔn nsa, efisɛ wɔagyaw AWURADE wɔn agyanom Nyankopɔn no. Na Yoas nso, wɔne no dii atemmusɛm.

252 Be 21.20 Na wofii no so siim kɔe no, efisɛ wogyaw no apirakuru bebree mu, ne nkoa pam ne tiri so, ɔsɔfo Yehoiada mma no mogya nti, na wokokum no ne mpa so, na owui. Na wosiee no Dawid kurow mu, na nso wɔansie no ahene no asiei.

26Na wɔn a wɔpam ne tiri so no ni: Sabad, Amonni bea Simat ba, ne Yehosabad, Moabni bea Simrit ba.

27Na ne mma no, ne tow dodow a wogyee, ne Onyankopɔn fi pempam no, hwɛ, wɔakyerɛw no ahene nhoma nkyerɛase no mu. Na ne ba Amasia bedii n’ade.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help