Obadia 1 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Wɔbɛbrɛ Edom ahantan no ase

1 1-21; Yer 49.7-22 Obadia anisoadehu ni.

Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka Edom ho ni:

Yɛate AWURADE anom asɛm,

na wasoma abɔfo akɔ amanaman mu sɛ:

Monsɔre na yɛnsɔre nhyɛ no ne no nko.

2Hwɛ, mayɛ wo amanaman mu ketewa,

wɔabu wo animtiaa pa ara.

3 Num 24.21 Wo koma ahantan adaadaa wo,

wo a wote ɔbotan ntokuru mu,

nea ɛhɔ korɔn ne w’agua, wuse wo koma mu sɛ:

Hena na obetumi ayi me asi fam?

4Sɛ woma wo ho so sɛ ɔkɔre,

na sɛ wode wo berebuw si nsoromma ntam mpo a,

ɛhɔ na mɛfa wo afi aduru,

AWURADE asɛm ni.

5Sɛ awifo, sɛ anadwo adwowtwafo ba wo so a,

ao, woasɛe dɛn ara,

so anka wɔrenwia nea ɛbɛso wɔn?

Sɛ obobe abatewfo ba wo so a,

so anka wɔremma mpɛpɛwa nka anaa?

6Na wo Esau de, hwɛ wɔapra w'ade mu

na wɔapɛ n’ahentade dɛn ara!

7Wɔn a wɔne wo wɔ apam nyinaa adaadaa wo,

wɔapam wo abedu ɔhye so;

wɔn a wo ne wɔn te asomdwoe so adaadaa wo afa wo so;

wɔn a wodii w’aduan asum w’ase afiri; nhumu abɔ no.

8So ɛnyɛ ɛda no, AWURADE asɛm ni,

na mɛsɛe anyansafo afi Edom,

ne nhumu afi Esau bepɔw so?

9Teman, wo nnɔmmarima bo betu,

na wɔde kum atwa nnipa nyinaa

afi Esau bepɔw so.

10 Yoel 3.19 Atirimmɔden a wode bɔɔ wo nua Yakob nti

na aniwu bɛkata wo ho,

na wɔatwa wo akyene akosi daa.

11Ɛda a wubegyinaa ntentenso,

ɛda a ananafo faa ne dɔm nnommum kɔe,

na ahɔho hyɛn ne kurow apon mu

na wɔtwee Yerusalem so ntonto no,

ɛno mu na wo nso woyɛe sɛ wɔn mu biako.

12 Nnw 137.7 Nanso ɛnsɛ sɛ anka wode anigye hwɛ wo nua,

ɛda a abu buu no no;

ɛnsɛ sɛ anka w’ani gye Yuda mma ho,

wɔn sɛe da no;

ɛnsɛ sɛ anka wohyehye wo ho,

ahohia da no;

13ɛnsɛ sɛ anka wohyɛn me man kurow pon no mu,

wɔn amanehunu da no;

ɛnsɛ sɛ anka wode anigye hwɛ wɔn amanehunu,

wɔn amanehunu da no;

ɛnsɛ sɛ anka woteɛ wo nsa so wɔn ahode mu,

wɔn amanehunu da no;

14ɛnsɛ sɛ anka wugyina nkwanta so

twitwa ne mfimufo gu,

na ɛnsɛ sɛ anka wuyi ne nnipa a wɔaka no ma,

ahohia da no.

15 Yoel 1.15; Yer 50.15, 29 Na AWURADE da no abɛn,

amanaman nyinaa so;

sɛnea woyɛe no, saa ara na wɔbɛyɛ wo,

wo nneyɛe bɛsan abebua w’atifi.

16 Yer 25.15 Na sɛnea amanehunu boroo me man Yuda sɛ nsa me bepɔw kronkron no so no,

saa ara na ɛbɛboro amanaman nyinaa daa yi,

amanehunu bɛmene wɔn

na wɔn ase ahyew koraa.

AWURADE no ahenni

17 Yoel 2.32; 3.17 Na Sion bepɔw so de,

mfimufo bɛtena hɔ,

na ayɛ kronkronbea,

na Yakob fi bɛfa wɔn agyapade adi so.

18 Sak 12.6 Na Yakob fi bɛyɛ ogya,

na Yosef fi ayɛ ogyaframa,

na Esau fi ayɛ sakran,

na wɔadɛw wɔn mu ahyew wɔn

a obiara renka mma Esau fi,

efisɛ AWURADE na waka.

19Na anafo famfo bɛfa Esau bepɔw adi so,

na asasetaw sofo bɛfa Filistifo de adi so,

na wɔbɛfa Efraim asase ne Samaria asase adi so,

na Benyamin afa Gilead adi so.

20Na dɔm yi a ɛyɛ Israel mma de no nnommum

a wɔwɔ Kanaanfo mu no bedi asase no so de akosi Sarefat,

na Yerusalem nnommum a wɔwɔ Sefarad no

bɛfa nifa mu nkurow no adi so.

21Na agyefo bɛforo aba Sion bepɔw so

abedi Esau bepɔw no so,

na ahenni no bɛyɛ AWURADE dea.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help