1 Berɛsosɛm NHYƐNMU - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

NHYƐNMUƐrekame ayɛ sɛ Berɛsosɛm anaasɛ Kronika nhoma ahorow abien no nyinaa yɛ nea ɛkɔɔ so wɔ Samuel nhoma ahorow abien no, ne Ahene nhoma ahorow abien no mu, nanso wɔ ɔkwan foforo so. Botae ahorow abien na ɛda adi wɔ nhoma yi a ɛka Israel ahensɛm ho abakɔsɛm a ɛwɔ Berɛsosɛm nhoma abien no mu.Ɔkyerɛwfo no pɛ sɛ ɔde to gua sɛ, amane ahorow a ɛtoo Yuda ne Israel nyinaa akyi no, na Onyankopɔn da so kura ne bɔhyɛ a ɔhyɛɛ ɔman no mu ara. Ɔnam nnipa a wɔte Yuda man no mu ara so na oyii ne botae no adi. Ɔkyerɛwfo no gyidi fapem ne sɛ: Ɔhwɛɛ dwumadi sonowonko a Dawid ne Solomon dii wɔ ɔman no mu, ne nsakrae ahorow a Yehosafat, Hesekia ne Yosia de bae, ne nnipa bi a wodii Onyankopɔn nokware so na ɛka eyi.Botae a ɛto so abien ne sɛ: Ɔkyerɛ sɛnea ɛyɛe a Onyankopɔn asɔrefi som no fii ase wɔ Yerusalem. Afei Ɔkyerɛwfo no si asɔfo ne Lewifo no nhyehyɛe a ɛnam so ma ɔsom no kɔɔ so no so dua. Wɔbɔ Dawid din sɛ, ɔno ne asɔredan no ne mu nhyehyɛe no farebae de, nanso Solomon na osii Asɔredan no.EMU NSƐMAwo ntoatoaso no nnidisonnidiso 1.1—9.44

Saul wu 10.1-14

Dawid ahenni 11.1—29.30

Ɔhaw ahorow ne emu nkonimdi 11.1—22.1

Asɔrefi no si ho ahoboaboa 22.2—29.30

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help