Mmebusɛm 21 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Onyankopɔn kyerɛ koma kwan

1 Nnw 33.14 Ɔhene koma te sɛ asuten, AWURADE nsam,

baabiara a ɔpɛ no na ɔdan kɔ.

2 Mmb 16.2; 24.12 Onipa kwan biara teɛ n’ani so,

na koma karifo ne AWURADE.

3 1 Sa 15.22; Yes 1.11-18; Hos 6.6 Asɛntreneedi ne atemmu

sɔ AWURADE ani sen afɔrebɔ.

4 Yes 2.11 Ani a ɛtra ntɔn ne koma a ɛhoran,

abɔnefo kanea, ɛyɛ bɔne.

5 Mmb 22.29 Nsiyɛfo adwene de adedodow ara na ɛba,

na obiara a ɔpere ho no, ɛde no kɔ ohia nko mu.

6 Mmb 10.2 Ademude a wɔde atoro tɛkrɛma anya yɛ ahuhuw a ehuw kɔ;

wɔn a wɔhwehwɛ no hwehwɛ owu.

7Abɔnefo akokobirisɛm de wɔn kɔ,

efisɛ wɔpo atemmu.

8Onipa a ɛso da no so kwan kyea,

na nea ne ho tew adwuma yɛ tee.

9 Mmb 21.19; 25.24 Ɔdan atifi kokoam tena ye

sen sɛ wo ne ɔbea tutupɛfo bɛtena ɔdan mu.

10Ɔbɔnefo kra kɔn dɔ bɔne,

ne yɔnko anim nyɛ nyam n’ani so.

11 Mmb 19.25 Ɔfɛwdifo akasadi mu, atetekwaa hu nyansa,

na onyansafo yiyedi mu na onya nimdeɛ.

12Ɔtreneeni gyen n’ani hwɛ abɔnefo fi,

sɛnea wɔka abɔnefo gu sɛe wɔn.

13Nea osiw n’aso fi ɔbrɛfo su ho no,

ɔno nso besu afrɛ, na wɔrennye no so.

14 1 Sa 25.18 Kokoam adekyɛ pata abufuw,

na kokom ayɛyɛde dwudwo abufuhyew.

15Ɛyɛ ɔtreneeni anigye sɛ obedi asɛntrenee,

na ɛyɛ hu ma amumɔyɛfo.

16Onipa a ɔfom fi nimdeɛ kwan so no

bɛtena nsamanfo asafo mu.

17 Mmb 23.21 Nea ɔdɔ anigye bedi hia,

nea ɔdɔ nsa ne ngo rennya ade.

18 Mmb 11.8 Ɔbɔnefo bɛyɛ ɔtreneeni nnwensa,

na nkontompofo besi teefo ananmu.

19 Mmb 21.9 Num asase so tena ye

sen ɔyere tutupɛfo a ne bo nnwo tena.

20Ademude a ɛsom bo ne ngo wɔ onyansafo tenabea,

na ɔkwasea de, ɔsɛe no.

21Nea odi trenee ne adɔe akyi no,

obenya nkwa, trenee ne anuonyam.

22 Mmb 24.5 Onyansafo foro nnɔmmarima kurow,

na osum ahoɔden a wɔde wɔn ho too so no kyene.

23 Mmb 13.3 Nea ɔkora n’ano ne ne tɛkrɛma no,

ɔkora ne kra fi ahohia mu.

24Ɔhantanni a wahoman, ne din de ɔfɛwdifo,

odi n’asɛm ahantan ntraso mu.

25 Mmb 13.4 Ɔkwadwofo akɔnnɔ kum no,

efisɛ ne nsa nso ade mu.

26Ɔpere ara na obi pere ade daa adesae,

na ɔtreneeni de, ɔma na ɔnkyɛe so.

27 Mmb 15.8 Abɔnefo afɔrebɔ yɛ akyide,

na menne sɛ ɔde nam adwemmɔne mu ba.

28 Mmb 19.5, 9 Atoro dansefo bɛyera,

na onipa a otie asɛm, kasa daa.

29Onipa bɔnefo hyɛ n’ani den,

na ɔteefo de, ɔtaataa n’akwan.

30 Nnw 33.10-11 Nyansa ne ntease ne afotu bi nni hɔ

a ɛne AWURADE bedi asi.

31 Nnw 33.17; Yes 31.1, 3 Wosiesie ɔpɔnkɔ ma ko da,

na nkonimdi de ɛwɔ AWURADE nsam.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help