1 Adi 15.7 Na metee nne kɛse bi a efi asɔredan no mu ka kyerɛɛ abɔfo baason no sɛ: Monkɔ nkohwie Onyankopɔn abufuw nkuruwa ason no ngu asase so.
2Eks 9.10-11 Na nea odi kan no kɔe, na okohwiee ne kuruwa no guu asase so. Na akisikuru bɔne baa nnipa a wɔwɔ aboa no agyirae ne wɔn a wɔkotow ne honi no so.
3 Eks 7.17-21 Na nea ɔto so abien no hwiee ne kuruwa no guu po mu. Na ɛdan sɛ owufo mogya, na ɛpo no mu nyinaa mmoa nyinaa wuwui.
4 Eks 7.19-24 Na nea ɔto so abiɛsa no hwiee ne kuruwa no guu nsubɔnten ne asuti mu, na ɛdan mogya.
5Na metee sɛ nsu so bɔfo no se:
Wo a wowɔ hɔ, na wowɔ hɔ dedaw, na woyɛ kronkron, woteɛ,
efisɛ woabu atɛn saa,
6na wɔahwie ahotefo ne adiyifo mogya agu,
na woama wɔn mogya anom;
wɔfata saa.
7 Adi 9.13; 19.2 Na metee sɛ ɛnne bi fi afɔremuka no mu a ese:
Yiw, Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfo,
w’atemmu yɛ nokware ne trenee.
8Na nea ɔto so anan no hwiee ne kuruwa no guu owia so. Na wɔmaa no ogya ahoɔden sɛ ɔmfa ogya nhyehye nnipa.
9Adi 16.11; 16.21; 9.20-21 Na wɔde ahohuru kɛse hyehyee nnipa, na wɔkaa Onyankopɔn a ɔwɔ haw mmusu yi so ahoɔden no din ho abususɛm, na wɔansakra wɔn adwene anhyɛ no anuonyam.
10 Eks 10.21; Yes 8.21-22 Na nea ɔto so anum no hwiee ne kuruwa no guu aboa no ahengua so. Na n’ahenni dan sum, na ɛyaw no nti wɔkekaa wɔn tɛkrɛma,
11Adi 16.9 na wɔn yaw ne wɔn akisikuru nti wɔkaa ɔsoro Nyankopɔn ho abususɛm, na wɔannu wɔn ho wɔn nnwuma mu.
12 Yes 11.15-16 Na nea ɔto so asia no hwiee ne kuruwa no guu asubɔnten kɛse Eufrate mu, na emu nsu yowee, na wɔasiesie kwan ama ahene a wofi owia apuei noho.
13Eks 8.3; 1 Ah 22.21-23; Adi 12.9; 13.1; 13.11 Na mihuu ahonhom fi abiɛsa a wɔte sɛ mpɔtorɔ sɛ wofi ɔtweaseɛ no anom ne aboa no anom ne atoro diyifo no anom.
14Adi 13.13; 19.19 Na wɔyɛ ahonhommɔne ahonhom a wɔyɛ nsɛnkyerɛnne, na wofi kɔ wiase nyinaa ahemfo nkyɛn kɔboaboa wɔn ano ma Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfo no, da kɛse no mu ko no.
151 Te 5.2; Adi 3.18 (Hwɛ, mereba sɛ owifo. Nhyira ne nea ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntade so, na wannantew adagyaw mu, na wɔanhu ne kwaterekwa).
16Ate 5.19; 5.31; 2 Ah 9.27; 23.29; Sak 12.11 Na ɔboaboaa wɔn ano kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Hebri kasa mu sɛ Harmagedon.
17Na nea ɔto so ason no hwiee ne kuruwa no guu ahun mu. Na ɛnne kɛse bi fi asɔredan no mu, fi ahengua no mu, se: Wɔawie.
18 Adi 4.5; 8.5; 11.19 Na anyinam nne ne aprannaa bae, na asasewosow kɛse a efi bere a nnipa baa asase so no wonhuu so asasewosow kɛse saa pɛn bae.
19Adi 11.8; 14.10 Na kurow kɛse no mu paee afaafa abiɛsa, na amanaman nkurow hwehwee ase, na wɔkaee Babel kɛse no, Onyankopɔn anim, sɛ wɔbɛma no n’abufuw a emu yɛ den no nsa kuruwa.
20Adi 6.14; 20.11 Na nsupɔw nyinaa guanguanee, na wɔanhu mmepɔw bi bio.
21Eks 9.23; Adi 16.9 Na asukɔtwea akɛse a ɛte sɛ dwetikɛsebo fi soro guguu nnipa so, na asukɔtwea no haw nti nnipa kaa Onyankopɔn ho abususɛm, efisɛ ɔhaw no so kɛse.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.