1 Korintofo 5 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Abrabɔ bɔne a ɛda adi asafo no mu

1 Lew 18.7-8 Wɔabɛka sɛ aguamammɔ wɔ mo mu, aguamammɔ a enni abosonsomfo mpo mu, sɛ obi ne n’agya yere da.

2Na morehoahoa mo ho, na mo werɛ anhow amma wɔanyi nea ɔyɛɛ saa ade no amfi mo mu.

3Kol 2.5 Na me de, minni hɔ ɔhonam fam de, nanso mewɔ hɔ honhom mu, na mabu nea ɔyɛɛ saa ade yi atɛn dedaw te sɛ mewɔ hɔ.

4Mat 16.19; 18.18; 2 Ko 13.10 Sɛ mo ne me honhom hyia yɛn Awurade Yesu din mu na yɛn Awurade Yesu tumi ka ho a,

51 Tim 1.20 momfa onii no nhyɛ Satan nsa, na ɔhonam no nsɛe, na wɔagye honhom no nkwa, Awurade da no.

6 Gal 5.9 Mo ahohoahoa nyɛ fɛ. Munnim sɛ mmɔkaw kakra na ɛkaw mmɔre nyinaa?

7Eks 13.7; Yes 53.7; 1 Pe 1.19 Enti munyi mmɔkaw dedaw no, na moayɛ mmɔre foforo, sɛnea moyɛ apiti no. Efisɛ wɔakum yɛn twam guan Kristo no nso.

8Eks 12.3-20 Enti momma yɛnhyɛ fa, ɛnyɛ mmɔkaw dedaw no mu, nanso ɛnyɛ bɔneyɛ ne amumɔyɛ mmɔkaw mu, na mmom Kronkronyɛ ne nokware apiti mu.

Wɔammu Paulo kɔkɔbɔ

9 Mat 18.17; 2 Te 3.14 Makyerɛw mo nhoma no mu sɛ mo ne nguaman nnni afra.

10Ɛnyɛ wiase nguamammɔfo anaa aniberefo ne amimfo anaa abosonsomfo ho asɛm koraa na mereka; ɛnne, na anka ɛsɛ sɛ mufi wiase kɔ.

112 Te 3.6; Tito 3.10; 2 Yoh 10 Na afei makyerɛw mo sɛ, sɛ obi a wɔfrɛ no onua yɛ oguamammɔfo anaa oniberefo anaa ɔbosonsonni anaa ntɔkwapɛfo anaa ɔsabofo anaa omimfo a, mo ne no mmmɔ; saa onipa no, mo ne no nnnidi mpo.

12Mar 4.11 Na ɛfa me ho dɛn sɛ mebu wɔn a wɔmfra mo mu no nso atɛn bi? Ɛnyɛ wɔn a wɔfra mo mu no na mubu wɔn atɛn?

13Deut 13.5 Na wɔn a wɔmfra mo mu no, Onyankopɔn bebu wɔn atɛn. Munyi ɔbɔnefo no mfi mo mu!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help