1Na ɛbae sɛ ɔwɔ baabi rebɔ mpae na ogyaee no, n’asuafo no mu biako ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, kyerɛ yɛn mpaebɔ, sɛnea Yohane nso kyerɛɛ n’asuafo no.
2Na Yesu see wɔn sɛ: Mobɔ mpae a, monka sɛ: Agya, wo din ho ntew, w’ahenni mmra.
3Ma yɛn yɛn daa aduan daa!
4Na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn, efisɛ yɛn nso de kyɛ obiara a ɔde yɛn aka. Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu!
Daa mpaebɔ5Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo mu hena na ɔwɔ adamfo, na ɔbɛkɔ ne nkyɛn ɔdasum mu akɔka akyerɛ no sɛ: Damfo, fɛm me abodoo abiɛsa,
6na m’adamfo bi fi kwan so aba me nkyɛn, na minnya biribi memma no.
7Na ofi mu noho bebua no sɛ: Nhaw me, na wɔato pon mu, na me mma wɔ me nkyɛn wɔ mpa so, na mintumi mensɔre mmɛma wo.
8Bɔhyɛ ahorow abiɛsa(Mateo 7.7-11)
9 Nso mise mo sɛ: Mummisa, na wɔbɛma mo; monhwehwɛ, na mubehu; mompem, na wobehiɛ mo.
10Na obiara a obisa no, onya; na nea ɔhwehwɛ no, ohu; na nea ɔpem no, wohiɛ no.
11Na mo mu hena na ɔyɛ agya, na ne ba bisa no abodoo a, ɔbɛma no ɔbo? Anaasɛ nso obisa no apataa a, ɔde ɔwɔ bɛyɛ apataa ama no?
12Anaasɛ nso obisa nkesua a, ɔbɛma no akekantwɛre?
13Na sɛ mo a moyɛ abɔnefo nim sɛnea mode nnepa ma mo mma a, mpɛn ahe ara na mo agya a ɔwɔ ɔsoro no remfa Honhom Kronkron mma wɔn a wobisa no?
Nkɔnkɔnsa bi ho mmuae(Mateo 12.22-30; 12.43-45; Marko 3.22-27)14Na ɔretu honhommɔne bi a ɔyɛ mum. Na ɛbae sɛ honhommɔne no fii adi no, mum no kasae. Na ɛyɛɛ nkurɔfo akuwakuw no nwonwa.
15Na wɔn mu binom kae sɛ: Ɔnam ahonhommɔne panyin Beelsebul so na etu ahonhommɔne.
16Ɔbonsam tumi so nkonimdi
21 Sɛ ɔhoɔdenfo amia rewɛn ne fi a, n’ahode wɔ hɔ komm.
22Aniani ha adeyɛ nkyɛ
24 Sɛ honhom fi, fi onipa mu a, okokyinkyin nkyerekyerewa so hwehwɛ ɔhome; na onnya bi a, ose: Mɛsan makɔ me dan a mifi mu mebae no mu.
25Na ɔba a, obehu sɛ wɔaprapra mu na wɔahyehyɛ mu.
26Osetie
27 Yudafo fɔdi kyɛn amanaman mufo de(Mateo 12.38-42)
29Na nkurɔfo akuwakuw no boaboaa wɔn ho ano pitipiti no, ofii ase kae sɛ: Nnɛ mma yi yɛ abusua bɔne; wɔhwehwɛ sɛnkyerɛnne, nanso wɔremma wɔn sɛnkyerɛnne biara, sɛ Yona sɛnkyerɛnne no.
30Na sɛnea Yona yɛɛ sɛnkyerɛnne maa Niniwefo no, saa ara nso na Onipa Ba no bɛyɛ ama nnɛ mma yi.
31Kanea adwuma(Mateo 6.22-23)
33 Farisini bi fi adidi(Mateo 23.1-36)
37 Luka 7.36; 14.1 Na ɔrekasa no, Farisini bi srɛɛ no sɛ ɔne no nkodidi; enti ɔkɔɔ mu kɔtenaa ase.
38Mat 15.2 Na Farisini no hui sɛ wanhohoro ne nsa ansa na ɔredidii no, ɛyɛɛ no nwonwa.
39Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Afei mo Farisifo de, mohohoro kuruwa ne prɛte ho; na mo mu de, amim ne nnebɔne ahyɛ mu ma.
40Nkwasea, ɛnyɛ nea ɔyɛɛ akyiri no na ɔyɛɛ emu nso?
41Na hwɛ, nea ɛwɔ mu no, momfa bi nyɛ adɔe; ɛno na ne nyinaa ho befi ama mo.
42Na mo Farisifo, munnue sɛ moma ɛme ne onunum ne fan nyinaa so ntotoso du du, na mugyaw atemmu ne Nyankopɔn dɔ hɔ. Eyi na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, nanso ɛnsɛ sɛ mugyaw nea ɛka ho no.
43Luka 20.46 Mo Farisifo, munnue, sɛ mopɛ mpanyin tenabere hyia adan mu ne gua so nkyia.
44Munnue sɛ mote sɛ nna a ɛnna adi, na nnipa a wɔnam so no nhu.
45Na mmarakyerɛfo no mu biako buaa no sɛ: Kyerɛkyerɛfo, woka saa a, na wobɔ yɛn nso adapaa.
46Na ɔkae sɛ: Mo mmarakyerɛfo nso, munnue sɛ mode nnosoa a ne soa yɛ yaw soa nnipa, na mo ankasa de, momfa mo nsatea mu biako po nka nnosoa no.
47Munnue sɛ moto adiyifo a, mo agyanom na ekum wɔn no nna so.
48Sɛnea mudi mo agyanom nnwuma ho adanse na mopene nen, sɛ wɔn na wɔkum wɔn, na mo nso na moto wɔn ada so.
49Eyi nti nso na Onyankopɔn nyansa no se: Mɛsoma adiyifo ne asomafo akɔ wɔn mu, na wɔakum na wɔataa wɔn mu binom,
50na wɔahwehwɛ adiyifo nyinaa mogya a wohwie gui fi wiase asehyɛ so wɔ nnɛ mma yi nsam,
51efi Habel mogya so de kosi Sakaria a ɔtɔe afɔremuka ne asɔredan ntam no mogya so. Yiw, mise mo sɛ, wɔbɛhwehwɛ wɔ nnɛ mma yi nsam.
52Mo mmarakyerɛfo, munnue sɛ moafa nimdeɛ safe; mo ankasa monkɔ mu, na wɔn a wɔrekɔ mu no nso, musiw wɔn kwan.
53Na ofi hɔ kɔe no, Akyerɛwfo ne Farisifo no fii ase hyɛɛ no so pii, na wɔhyɛɛ no kasa wɔ nsɛm bebree ho,
54Luka 20.20 na wɔtɛw no hwehwɛe sɛ wobenya n’anom asɛm bi.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.