Eksodɔs 20 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Mmara nsɛm du no(Deuteronomium 5.1-21)

1 Deut 5.6-21 Na Onyankopɔn kaa nsɛm yi nyinaa sɛ:

2Mene AWURADE wo Nyankopɔn a miyii wo Misraim asase so nkoafi mu no.

3Deut 6.4-5; 1 Ko 8.6 Nnya anyame foforo nka me ho.

4Lew 26.1; Deut 27.15; Nnw 97.7; Yes 40.18-26; Rom 1.23 Nyɛ ohoni bi anaa ade a ɛwɔ wim wɔ ɔsoro anaa nea ɛwɔ asase so wɔ fam anaa nea ɛwɔ nsu mu wɔ asase ase nsɛso biara mfa; nkotow wɔn, na nsom wɔn.

5Eks 34.7; Yer 31.29-30; Hes 18.2-3, 20 Na me, AWURADE wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufo a mitua agyanom amumɔyɛ so ka mefa mma so kosi awo ntoatoaso abiɛsa ne anan a wɔtan me so,

6na meyɛ mpem a wɔdɔ me na wodi me mmara nsɛm so adɔe.

7Lew 24.16 Mmɔ Awurade wo Nyankopɔn din kwa, na Awurade remma nea ɔbɔ ne din kwa no ho nyɛ tɔtorɔtɔɔ.

8Eks 16.25; Hes 20.12; Mar 2.27-28; Kol 2.16-17 Kae homeda, na yɛ no kronkron.

9Nnansia na yɛ adwuma, na yɛ w'ade nyinaa;

10na ɛda a ɛto so ason no yɛ homeda ma AWURADE wo Nyankopɔn: nyɛ adwuma biara, wo ne wo babanin ne wo babea, w'akoa ne w'afenaa ne wo mmoa ne wo hɔho a ɔwɔ wo fi apon mu.

11Gye 2.2-3 Na nnansia na AWURADE de yɛɛ ɔsoro ne asase, ɛpo ne nea ɛwowɔ mu nyinaa, na ɔhomee da a ɛto so ason no; enti na AWURADE hyiraa homeda, na ɔyɛɛ no kronkron.

12Mat 15.4; Efe 6.2-3 Di w'agya ne wo na ni, na wo nna aware asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so.

13Eks 21.12; Gye 9.5-6; Yak 2.11 Nni awu.

14Lew 20.10; Efe 3.3-5 Nsɛe aware.

15Lew 19.11; Efe 4.28 Mmɔ korɔn.

16Eks 23.1; Efe 4.25 Nni wo yɔnko ho adansekurum.

17Mma w'ani mmmere wo yɔnko fi. Mma w'ani mmmere wo yɔnko yere anaa n'akoa anaa n'afenaa anaa ne nantwi anaa n'afurum anaa biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea.

Ɔman no suro(Deuteronomium 5.22-33)

18Na ɔman no nyinaa huu aprannaa ne anyinam a ɛpaepae ne torobɛnto nne ne bepɔw a efi wusiw no. Na ɔman no hui no, wɔn ho popoe, na wokogyinaa akyirikyiri.

19Na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: Wo na wo ne yɛn nkasa, na yebetie; na mma Onyankopɔn ne yɛn nnkasa, na yɛanwuwu.

20Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Munnsuro, na Onyankopɔn rebɛsɔ mo ahwɛ, na ne ho hu atena mo ani so, na moanyɛ bɔne.

21Heb 12.18 Na ɔman no gyinaa akyirikyiri, na Mose twiw bɛn sum kabii a Onyankopɔn wɔ mu no.

22Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sɛ ka kyerɛ Israelfo no ni: Mo ara moahu sɛ mifi soro na me ne mo akasa.

23Monnyɛ me so dwetɛ anyame ne sika anyame; monnyɛ bi mmfa.

24 Eks 27.1, 8; 29.42-43; Deut 12.5 Dɔte afɔremuka na yɛ ma me, na wode hyew afɔre ne w'asomdwoe afɔre, wo nguan ne w'anantwi no abɔ so afɔre; baabiara a mɛma wɔakae me din no mɛba wo nkyɛn mabehyira wo.

25Deut 27.5; Yos 8.31 Na sɛ worebɛyɛ abo afɔremuka ama me a, mfa abo a wɔatwa nsi; na sɛ woma w'adwinnade so bɔ so a, woagu ho fi.

26Na mforo atrapoe nkɔ m'afɔremuka so, na w'adagyaw anna adi wɔ so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help