Nehemia 7 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Wɔpaw kurow no awɛmfo

1Na ɛbae sɛ wɔtoo afasu no no, na misii apon no, wɔhyehyɛɛ aponanohwɛfo ne nnwontofo ne Lewifo.

2Na mede Yerusalem hyɛɛ me nua Hanani ne Hanania, aban no mu safohene no nsa efisɛ, na ɔyɛ ɔbarima nokwafo a osuro Onyankopɔn sen nnipa pii,

3na misee wɔn sɛ: Mommma wonnhiɛ Yerusalem apon gye sɛ owia mu ayɛ den ansa. Na wɔda so gyina hɔ yi wɔnkeka apon no ntoto mu, na montoto akyiri. Na momfa Yerusalemfo awɛmfo nsisi hɔ, onipa biara nipa nnyina ne wɛn so ne ne fi ntentenso.

4Na kurow no mu bae tɛtrɛɛ na ɛso, na nnipa a wɔwɔ mu no sua, na adan nso, wonsisii ɛ.

Wɔkan ɔman no(Esra 2.1-70)

5Na me Nyankopɔn de hyɛɛ me koma mu sɛ memmoa mmapɔmma ne mpanyimfo ne ɔman no ano na wɔnkan wɔn, wɔn mmusua so. Na mihuu wɔn a wɔforo bae kan no ho mmusua nkanee nhoma, na mihui sɛ wɔakyerɛw mu sɛ:

6

66Bagua mu no nyinaa ano si mpem aduanan abien ne ahasa aduosia,

67ɛsono wɔn nkoa ne wɔn mfenaa, wɔn nso si mpemnsɔn ahasa aduasa asɔn; na wɔwɔ nnwontofo mmarima ne mmea ahanu aduanan anum.

68Wɔn apɔnkɔ si ahansɔn aduasa asia, wɔn mfurumpɔnkɔ, ahanu aduanan anum.

69Yoma: Ahanan aduasa anum; mfurum: Mpemnsia ahansɔn aduonu.

Ayamye ade

70 Neh 7.65 Na agyanom atitiriw no mu fa bi bɛkyɛɛ adwuma no ho ade: Amrado no maa sika nsuruboaa apem, nkora aduonum, asɔfotade ahanum ne aduasa, sɛ wɔmfa ngu akorade no mu.

71Na agyanom atitiriw no mu binom maa adwuma no ho akorade sika nsuruboaa ɔpeduonu, ne dwetɛ mmɛnnaa mpennu ahanu.

72Na nea ɔman no nkae no mae ne sika nsuruboaa ɔpeduonu ne dwetɛ mmɛnnaa mpennu ne asɔfotade aduosia asɔn.

73Na asɔfo ne Lewifo ne aponanohwɛfo ne nnwontofo no ne ɔman no mu bi ne nsɔfokwaa no ne Israel nyinaa tenatenaa wɔn nkurow mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help