1 Makabe 11 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Polemi ko tia Siria

1Afei Misraim hene boaboaa asraafo pii ano. Wɔn dodow te sɛ mpoano anwea, ne ahyɛn pii, na ɔpɛe sɛ ɔde nyansakwan kogye Aleksanda ahemman no ka ne de ho.

2Otuu kwan kɔɔ Siria, kɔkaa wɔn asomdwoesɛm, ma nkurɔfo no gyee no fɛw so hyiaa no. Na Ɔhene Alesksanda ahyɛ sɛ wonhyia no efisɛ ɔyɛ n'ase barima.

3Nanso bere a Polemi hyɛn kurow no mu no, ɔde asraafo gyinagyinaa kurow biara so.

4Bere a ɔrebɛn Asotu no, wɔde Dagon asɔrefi a ahyew no, ne ɛho nneɛma a asɛe no kyerɛɛ no. Ohuu amu a egugu hɔ, ne nnipa a Yonatan ahyew wɔn ɔko no. Efisɛ wɔaboaboa wɔn ano akuwakuw wɔ kwankyɛn.

5Wɔkaa nea Yonatan ayɛ kyerɛɛ ɔhene no: Sɛ Yonatan abɔ no sobo, nanso ɔhene anka hwee.

6Yonatan de anigye ne ahosɛpɛw hyiaa ɔhene no wɔ Yopa, na wokyiaakyiaa wɔn ho, na wɔdaa hɔ.

7Na Yonatan ne ɔhene kɔe ara koduu asubɔnten Eleuterus ho, na ɔsan kɔɔ Yerusalem.

8Enti ɛmaa Polemi nyaa mpoano ahenkurow no so tumi, nam po so koduu Seleusia. Na afei ɔkɔɔ so bɔɔ Alesksanda ho pɔw bɔne.

9Afei ɔsomaa abɔfo kɔɔ Ɔhene Demetri hɔ sɛ: Bra na yɛnyɛ apam. Na mede me babea a na ɔyɛ Alesksanda yere no bɛma wo. Na woatumi adi w'agya ahemman no so.

10Na afei manu me ho sɛ mede me babea maa no aware, efisɛ ɔbɔɔ mmɔden sɛ obekum me.

11Ɔbɔɔ Alesksanda sobo efisɛ na n'ani bere n'ahemman no.

12Enti ogyee ne babea no fii ne nsam, de no kɔmaa Demetri. Eyi maa nitan kɛse bɛdaa wɔn ntam.

13Afei Polemi hyɛn Antiokia, na ɔhyɛɛ Asia ahenkyɛw no. Eyi kyerɛ sɛ ɔde ahenkyɛw abien hyɛɛ ne ti, Misriam ahenkyɛw ne Asia de no.

14Saa bere no na Ɔhene Alesksanda wɔ Kilikia, efisɛ na ɛhɔfo no atew atua.

15Alesksanda tee eyi no, ɔne no kɔkoe, na Polemi de asraafo dɔm kɛse kohyiaa no, ma oguan fii akono hɔ,

16kɔɔ Arabia kɔtenaa hɔ. Eyi maa Polemi dii nkonim.

17Arabiani a wɔfrɛ no Sabdiel twaa Alesksanda ti de brɛɛ Polemi.

18Nnansa akyi no, Polemi nso wui, na nkurɔfo a wɔwɔ saa mpasua no so no, kunkum n'asraafo no.

19Na Demetri bedii hene afe ɔha aduosia ason no mu.

Yonatan nyansakwan bi

20Nna no mu no Yonatan siesiee akomfiri, na ɔboaboaa Yudafo no ano, ma wɔkɔtow hyɛɛ Yerusalem abandennen no so.

21Nanso asowuifo bi a wokyi ɔman no, kɔbɔɔ no amanneɛ sɛ: Yonatan abɛtow ahyɛ abandennen no so.

22Ɔtee eyi no, ne bo fuwii, na ntɛm ara ɔkɔɔ Polemi nkyɛn, de nhoma kɔmaa Yonatan sɛ onyae nea ɔreyɛ no, na onhyia no.

23Yonatan tee eyi no, ɔhyɛɛ n'asraafo no sɛ, wɔnkɔ so ntena abandennen no mu. Ɔpaw Israelfo mpanyimfo ne asɔfo mpanyimfo no bi, na ɔde ne ho too ɔhaw mu.

24Efisɛ ɔde dwetɛ, sika kɔkɔɔ, ntama, ne akyɛde ahorow pii kɔmaa ɔhene wɔ Polami, nyaa n'anim dom.

25Ɛwom sɛ ne man no mu atuatewfo bi kɔɔ so kasa tiaa no de,

26nanso ɔhene no yɛɛ no sɛnea n'adikanfo no ayɛ no no; ɔhyɛɛ no anuonyam wɔ ne nnamfo nyinaa anim.

27Ɔde no sii ɔsɔfopanyin, na anuonyam ahorow a kan ekura no nyinaa ɔde maa no. Na ɔkan no kaa n'ahemfo ho.

28Afei Yonatan srɛɛ ɔhene sɛ: Ɔmma Yudea ne amansin ahorow abiɛsa a ɛwɔ Samaria no fawohodi. Ɔmmma wonntua tow bio, na ɔhyɛɛ no bɔ sɛ obetua sika talente ahasa ama no.

29Ɔhene penee so, na ɔkyerɛw lɛtɛ faa saa nneɛma yi nyinaa ho kɔmaa Yonatan. Emu nsɛm ni:

30Ɔhene Demetri de nhoma yi kɔma ne nua Yonatan, ne Yudafo nyinaa, mikyia mo.

31Saa lɛtɛ yi sɛso a, ɛfa mo ho a, yɛde kɔmaa yɛn nua Lastene no, yɛde brɛ mo nso. Nea ɛbɛyɛ a mubehu nea ɛwom.

32Ɔhene Demetri de nhoma yi kɔma n'agya Lastene: Mikya wo.

33Yɛabɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ Yudafo no yiye, efisɛ wɔyɛ yɛn nnamfo, wɔpɛ yɛn yiye, na wɔyɛ wɔn asɛde ma yɛn pɛpɛɛpɛ

34Yesi so dua sɛ, Yudea ne amansin ahorow abiɛsa: Afairema, Lyda, ne Rafamin ne ɛho nsaase nyinaa mfi Samaria ho nkɔka Yudea ho. Wɔn a wɔbɔ afɔre wɔ Yerusalem nyinaa, ne tow a wotua ma ɔhene afe biara, fi aduan so kosi aduaba so, yɛde kyɛ wɔn.

35Tow ahorow nyinaa, a wotua ma yɛn: Ntotoso du du, nkyene, ne ahemman no ho tow nyinaa, yɛde kyɛ wɔn.

36Na eyinom mu biako mpo nni hɔ a, yɛbɛsan atwa mu bio, fi saa bere yi rekɔ.

37Enti hwɛ yiye na yɛ nhoma yi sɛso kɔma Yonatan na ɔmfa ntare Bepɔw kronkron no so, faako a obiara behu.

Trifo nyansakwan bi

38Bere a ɔhene Demetri hui sɛ asomdwoe aba, na asidifo bi nni n'akwan mu bio no, ɔpamee n'asraafo no nyinaa kɔɔ wɔn afi mu, gye amannɔne asraafo a wofi aman no supɔw no nko. Eyi amma asraafo a, wɔasom wɔ ahemfo a atwam no bere so no ampɛ n'asɛm.

39Ɔpanyin biako a na ɔsom Alesksanda bere so no, tee sɛ asraafo no rekasakasa de atia Demetri no, ɔkɔɔ Arabiani Imalkue a na ɔretetew Alesksanda ba kumaa Antioku no nkyɛn.

40Na ɔkɔhyɛɛ no sɛ, ɔmfa Antioku mmra ntɛm mmedi hene nsi n'agya anan mu. Ɔkaa nea Demetri ayɛ atia asraafo no ne okyi a wokyi no nyinaa kyerɛɛ Imalkue, na ɔtenaa ne nkyɛn nna pii.

41Afei Yonatan soma kɔɔ ɔhene Demetri nkyɛn kɔsrɛɛ no sɛ onyi asraafo no mfi Yerusalem abandennen no mu, ne asraafo a wɔwɔ mpɔtam hɔ no, efisɛ wɔne Israelfo no ko daa nyinaa.

42Na Demetri soma kɔɔ Yonatan nkyɛn sɛ: Ɛnyɛ eyi nko na mɛyɛ ama wo, ne wo man no, na mmom bere ba mu a, mɛhyɛ wo ne wo man no anuonyam.

43Na afei soma w'asraafo bi mmɛboa me, efisɛ me de no nyinaa atew atua.

44Enti Yonatan somaa asraafo mpensa kɔɔ Antiokia kɔboaa no, na ɔhene huu wɔn no n'ani gyei pii.

45Na ahenkurow no mu nnipa bɛyɛ mpem ɔha aduonu hyiae wɔ abɔnten so pɛe sɛ wokum ɔhene no.

46Nanso ɔhene no guan hyɛɛ ahemfi hɔ. Afei nnipa no kyeree so wɔ abɔnten no so, na wofii ase koe.

47Enti ɔhene no frɛɛ Yudafo no bɛboaa no, bɔɔ ne ho ban ne kurow mu no nyinaa. Saa da no wokum nnipa ɔpeha.

48Wɔtoo ahenkurow no mu gya, na wonyaa asade pii, na wogyee ɔhene no nkwa.

49Bere a nnipa no hui sɛ Yudafo no, anya ahenkurow no so tumi sɛnea wɔpɛ no, wɔn bo tui na wosu frɛɛ ɔhene no sɛ ɔne wɔn nnyɛ apam.

50Yɛpɛ asomdwoe. Na ma Yudafo no nnyae sɛ, wɔko tia yɛn ne yɛn kurow no.

51Wɔtow wɔn akode gui, yɛɛ asomdwoe apam. Ɛnam so ma Yudafo nyaa ɔhene no, ne nnipa nyinaa anim anuonyam wɔ ahemman no mu. Na wɔde asade pii san kɔɔ Yerusalem.

52Enti Ɔhene Demetri dii hene, na asomdwoe baa ne bere so.

53Nanso wanni ne bɔhyɛ so, ɔtwee ne ho fii Yonatan ho, na papa a Yonatan yɛɛ no nyinaa wankae na ɔyɛɛ no basabasa.

Trifo nam ɔhyɛ so di tumi

54Eyinom akyi no Trifo san bae. Ɔne abarimaa Antioku a obedii hene na ɔhyɛɛ ahenkyɛw no.

55Na Demetri asraafo a wapam wɔn nyinaa bedii Antioku akyi, na wɔko tiaa Demetri, na wodii no so.

56Trifo faa asono no, na Antiokia bedii ne nsam.

57Na aberante Antioku kyerɛw nhoma kɔmaa Yonatan sɛ: Mede wo asi so sɛ sɔfopanyin, de amansin ahorow anan ahyɛ wo nsa, de wo ayɛ ɔhene nnamfo no mu biako.

58Afei ɔsoma de sika prɛte ne adidi pon so nneɛma kɔmaa no, na ɔmaa no tumi sɛ ɔmfa sika nkuruwa nnom nsu, na ɔnhyɛ atade kɔkɔɔ mfa sika ntweaban nnto ne kɔn mu.

59Afei ɔpaw Yonatan nua Simon sɛ onni panyin mfi Tire mmepɔw so nkosi Misraim ahye so.

Yonatan ne Simon ntotoe bi

60Afei Yonatan tutuu akwan kɔɔ asuogya nkurow no nyinaa so, na Siria asraafo baa ne nkyɛn ne no bɛyɛɛ nnamfo. Oduu Askalon no, kurow no bɔɔ twi behyiaa no hyɛɛ no anuonyam.

61Ofi hɔ no ɔkɔɔ Gasa, nanso ɛhɔfo no ammua no, enti ɔko tiaa wɔn de gya too kurow no mu, fow hɔ ade.

62Enti Gasafo no srɛɛ sɛ wɔne no bɛyɛ asomdwoe apam. Na ɔfaa ɛhɔ ahemfo no mma baanu nnommum, de wɔn baa Yerusalem. Na ɔkɔe ara koduu Damasko.

63Na Yonatan tee sɛ Demetri de asraafo pii akɔ Kades a ɛwɔ Galilea a wɔn botae ne sɛ wobetu no ade so.

64Okohyiaa wɔn, na ogyaw ne nua Simon wɔ akyi.

65Simon kɔtoaa Bet-sur, na ɔkoe wɔ hɔ nna pii, dii so nkonim.

66Na wɔsrɛɛ sɛ, ɔne wɔn nyɛ asomdwoe apam, na ɔpenee so, yii wɔn fii hɔ, dii kurow no so, de asraafo tenaa hɔ.

67Yonatan ne n'asraafo no kɔbɔɔ nsra wɔ Genesaret nsu ho. Anɔpatutu no ara pɛ na wɔteɛ kɔɔ Hasor sare so.

68Sare no so no, ohyiaa amannɔne asraafo a wɔakɔtɛw no wɔ mmepɔw no so. Nanso wohyiaa no anim ne anim.

69Na mmarima a wɔtɛw no, fii nea wɔwɔ hɔ, bɛkaa ɔko no ho.

70Yonatan akyidifo no nyinaa guan gyaw no, ma ɛkaa Absalom ba Matias, ne Kalfi ba Yuda a wɔyɛ asahene no.

71Yonatan tetew ne ntade mu, de nso guu ne ti so, na ɔbɔɔ mpae.

72Afei ɔsan kohyiaa atamfo no dii wɔn so.

73Afei n'asraafo a wɔreguan no, huu nea asi no, wɔsan bɛkaa ne ho, taa atamfo no ara koduu Kades, na wosii wɔn ntamadan wɔ hɔ.

74Amannɔne asraafo mpensa wuwui saa da no. Na Yonatan san kɔɔ Yerusalem.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help