1 Eks 6.28—11.10; 20.1-21 Awurade ne nnipa nyinaa dɔɔ no.
Wɔkae no a, wohyira ne din.
2Ɔyɛɛ ɔne ahotefo nyinaa pɛ wɔ anuonyam mu,
na ɔyɛɛ no kɛse wɔ n’atamfo anim ma wosuroo no.
3Ɔde Awurade asɛm yɛɛ nsɛnkyerɛnne ntɛm so,
Awurade hyɛɛ no anuonyam wɔ ahemfo anim.
Ɔmaa no mmara de maa ne nkurɔfo,
na oyii n’anuonyam kyerɛɛ no.
4Ne nokwaredi ne n'ahobrɛase nti ɔtew ne ho;
na ɔfrɛɛ no fii adasamma nyinaa mu.
5Ɔma ɔtee ne nne
na ogyaa no kɔɔ omununkum kabii ho,
na ɔde mmara no maa no, anim ne anim,
abrabɔ ne nimdeɛ ho mmara,
nea ɛbɛyɛ a ɔde apam no bɛkyerɛkyerɛ Yakob,
ne Israel, na wɔasua ne mmara.
Aaron6 Eks 4.14 Ɔmaa Aaron so yɛɛ no kronkron sɛ Mose, na ɔyɛ ne nua, no fi Lewi abusua no.
7 Eks 28.1-43 Ɔne no yɛɛ daapem apam,
na ɔde ne nkurɔfo so asɔfodi hyɛɛ ne nsa.
Na ɔde ade a ɛyɛ fɛ hyiraa no,
na ɔde anuonyam atade hyɛɛ no.
8san de anuonyam ntama furaa no,
na ɔde tumi ho nsɛnkyerɛnne hyɛɛ no den,
nwera nhyɛase ntade, batakari tenten, ne asɔfotade.
9Na ɔde aduhuam twaa ne ho hyiae,
de sika dɔn twaa ne ho hyiae,
sɛ ɛnwosow nyɛ dede nni n'anim
na wɔnte ne nnyigyei no wɔ asɔrefi hɔ,
na ayɛ nkae ama ne nkurɔfo;
10sika atade kronkron, sika kɔkɔɔ ne bibiri,
ne beredum a, ntamanwemfo de ne nsa awene;
ne Urim ne Tummim, atemmu abisade no;
11wɔde odwumfo adwinni;
wɔde abo pa a ɛsom bo yɛɛ nsɔwano,
a wɔde sika kɔkɔɔ ahyehyɛ mu, a sikadwumfo ayɛ,
de ayɛ nkaede, a wɔakyerɛw wɔ nhoma mu
sɛnea Israel mmusuakuw no dodow te.
12sika ahenkyɛw si n’abotiri so,
na wɔakyerɛw so: Kronkron de ayɛ nsɔano ade,
ɛyɛ sonowonko a ɛsom bo pii, ɔbenfo adwinni,
ɛho yɛ anigye, wɔayɛ no kɔsɔɔ.
13Ansa na no, ade a ɛyɛ fɛ saa bi mmae da,
ɔhɔho biara nyɛɛ bi saa da.
gye sɛ ne mma nkutoo ne n’asefo afebɔɔ.
14N’afɔrebɔ nneɛma no, wɔnhyew ne nyinaa;
mpɛn abien da koro biara.
15 Lew 8.1-36 Mose na ɔhyɛɛ no sɔfo, na ɔsraa no ngo kronkron;
ɛyɛ daapem apam ma no ne n’asefo nyinaa
mmere dodow a ɔsoro wɔ hɔ yi, sɛ Awurade somfo
na ohyiraa ne nkurɔfo wɔ ne din mu.
16Ɔpaw no fii ateasefo nyinaa mu
sɛ ɔmfa aduhuam a eyi hua dɛdɛ
mmɔ afɔre mma Awurade,
sɛ nkaede mfa nyɛ mpata mma ne nkurɔfo.
17Apam no mu no, ɔmaa no tumi wɔ nhyehyɛe ne atemmu ho,
sɛ ɔnkyerɛkyerɛ Yakob adansesɛm no,
na ɔmfa ne mmara no mmue Israel ani.
18Ananafo bɔɔ ne ho pɔw bɔne,
na wɔn ani beree no wɔ sare no so.
Datan ne Abiram ne wɔn akyidifo
ne Kora asafomma wɔ abufuhyew ne abufuw mu.
19Awurade hui na anyɛ no abodwo,
na n’abufuhyew mu no ɔsɛe wɔn;
ɔyɛɛ anwonwade tiaa wɔn
de ogyatanaa hyew wɔn.
20Ɔde anuonyam kaa ho maa Aaron
na ɔmaa no agyapade;
ɔde aduankan a eye kaa ho maa no,
ɔde aduankan no yɛɛ abodoo pii;
21efisɛ wodii Awurade afɔrebɔde,
a ɔde maa ɔne n’asefo no.
22Nanso nnipa a wɔwɔ asase no so no, nni agyapade
na wonni kyɛfa wɔ nnipa no mu. Num 18.20; Deut 12.12 Awurade ne wɔn kyɛfa ne agyapade.
Pinehas23 Num 25.7-13 Eleasa ba Pineha na n’anuonyam to so abiɛsa,
efisɛ ɔbɔɔ Awurade suro ho mmɔden,
na bere a ɔmanfo no tew wɔn ho no,
ɔno de ogyinaa pintinn, wɔ ne kra yiyedi nti,
na ɔpata maa Israel.
24Ne saa nti ɔne no yɛɛ asomdwoe apam,
sɛ ɔnyɛ kronkronbea hɔ ne ne nkurɔfo dikanfo,
na afei ɔne n’asefo nya asɔfodi no mu nidi daa afebɔɔ.
25Sɛnea Awurade ne Yese ba Dawid a ofi Yuda abusua mu yɛɛ apam no.
sɛ ahenni no bɛyɛ agyapade afi mma so akɔ n'awo ntoatoaso nyinaa no,
saa ara nso na Aaron agyapade no
bɛkɔ n’asefo so nen.
26Na afei kamfo Awurade
a ɔde anuonyam abɔ wo abotri no,
sɛ Awurade nhyira wo, na ɔmma wo nyansa mmu atɛntrenee
nea ɛbɛyɛ a, ɔmannwoe bɛtena hɔ daa,
na ama wɔn anuonyam atena hɔ akɔ awo ntoatoaso nyinaa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.