1Na Tobit kyerɛw ahurusi mpaebɔ kae sɛ:
Nhyira nka Nyankopɔn a ɔte ase daa daa
na nhyira aka n'ahenni daa nyinaa.
2Efisɛ ɔteɛ na ohu mmɔbɔ,
ɔde nkurɔfo kɔ asaman,
na ɔde wɔn san ba bio,
na biribiara nni hɔ a ebetumi afi ne nsa.
3Monnye no nto mu wɔ amanaman anim, O Israel mma;
Efisɛ ɔde mo apete wɔn mu.
4Na wada ne kɛseyɛ adi wɔ hɔ mpo,
Momma no so wɔ ateasefo nyinaa anim;
Efisɛ ɔne yɛn Awurade, ne yɛn Nyankopɔn,
ɔne yɛn Agya ne Awurade daa nyinaa.
5Ɔne wo bedi no nwenenwene wɔ yɛn amumɔyɛ ho;
nanso ɔbɛsan abɛkyerɛ n'ahumɔbɔ,
na ɔbɛboaboa mo ano afi amanaman a,
ɔde mo apetepete mu nyinaa.
6Sɛ wode wo koma nyinaa, ne wo kra nyinaa
di no nokware a,
ɔbɛdan aba wo hɔ
na ɔmfa n'anim nhintaw wo bio.
Enti afei monhwɛ nea wayɛ ama mo,
momfa nne kɛse nna no ase.
Munyi ɔtreneeni Awurade no ayɛ,
momma tete Nyankopɔn no so.
Mɛda no ase wɔ me nnommum asase so;
na mɛka ne tumi ne n'anuonyam akyerɛ
ɔman nnebɔneyɛfo.
Mo nnebɔneyɛfo monsan mmra mo akyi,
na monyɛ nea ɛteɛ wɔ n'anim;
ebia ɔbɛdom mo,
na wahu mo mmɔbɔ
7Me de, mɛkamfo me Nyankopɔn;
na me kra di ahurusi wɔ Ɔsorosoro Hene no mu,
8Momma adasamma nyinaa nka ɔhene ayeyi no,
na wɔnna no ase wɔ Yerusalem.
9O kurow kronkron Yerusalem,
wo mma nneyɛe guan wo ho
nso wobehu wɔn mu atreneefo mmɔbɔ.
10Monna Awurade ase, efisɛ oye
na munhyira Ɔhene daa ne daa,
na ama wasan asi ne ntamadan wɔ mo mu
wɔ anigye mu.
Ɔmma wɔn a wɔwɔ nnommum mu,
nya awerɛkyekye,
na ɔnnɔ wɔn a wɔwɔ ahohia mu
nkodu awo ntoatoaso nyinaa afebɔɔ.
11Hann kɛse bepue akodu asase ano no ho
na amanaman pii fi akyirikyiri
bɛba Awurade Nyankopɔn hɔ
ne din nti,
wokurakura akyɛde wɔ wɔn nsam,
akyɛde a wɔde rebrɛ Ɔsorosoro Hene no.
Awo ntoatoaso de anigye beyi w'ayɛ
Ahenkurow a woapaw wɔn yi din bɛtena hɔ afebɔɔ.
12Nnome nka wɔn a wɔkasa tia wo nyinaa;
nnome nka wɔn a wɔka wo hyɛ nyinaa,
na wodwiriw w'afasu gu fam,
ne wɔn a wobubu w'abantenten nyinaa
na wɔde ogya hyew wo fi nyinaa.
Mmom nhyira bɛka wɔn a wɔdɔ wo no nyinaa afebɔɔ.
13Monkodi ahurusi mma atreneefo mma;
na wɔbɛboaboa wɔn ano,
na wɔabeyi tete Awurade no ayɛ.
14Nhyira ne wɔn a wɔdɔ wo
ne wɔn a wodi ahurusi wɔ wo yiyeyɛ ho.
Nhyira ne wɔn nso a wɔne wo di yaw
wɔ w'ahohia ho nti;
na wɔne wo bedi ahurusi
na wɔahu wo anuonyam daa nyinaa.
15Me kra hyira Awurade,
Ɔhene kɛse no,
16efisɛ wɔbɛkyekye Yerusalem bio, na ayɛ ne fi afebɔɔ.
Anigye bɛn na menya
sɛ m'aseni bi bɛka
na wahu w'anuonyam na ɔde nidi ama ɔsorosoro Hene no.
Wɔde Saphira ne Emerald besi Yerusalem bio;
wɔde abo a ɛsom bo bɛtow n'afasu,
na wɔde sika amapa bɛtow n'abantenten.
na wɔde sika kɔkɔɔ atow n'akoem
na wɔde Ofir abo bɛsam Yerusalem abɔnten so
17Na Yerusalem apon bɛto ahurusi dwom,
na n'afi agye so sɛ: Haleluia aka sɛ:
Nhyira nka Israel Nyankopɔn,
na nhyira nka ne din afebɔɔ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.