2 Samuel 19 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Yoab ka Dawid anim

1Na wɔka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ, ɔhene resu, na ɔretwa Absalom ho adwo.

2Na nkonimdi no dan ɔman no nyinaa nkɔmmɔdi da no, na ɔman no tee da no sɛ ɔhene yam rehyehye no ama ne ba.

3Na ɔman no wiawiaa wɔn ho baa kurow no mu da no, sɛnea dɔm a woguan akono na wɔabɔ wɔn ho ahohora wiawia wɔn ho no.

4Na ɔhene kataa n’anim na ɔhene de nne kɛse teɛɛm sɛ: O me ba Absalom, O Absalom, me ba, me ba!

5Na Yoab baa ɔhene nkyɛn ofie, na ɔkae sɛ: Woahyɛ wo nkoa nyinaa a ɛnnɛ wɔagye wo kra ne wo mmammarima ne wo mmabea kra ne wo yerenom kra ne wo yefamnom kra no aniwu nnɛ,

6efisɛ wodɔ w’atamfo na wotan w’adɔfo. Na woakyerɛ nnɛ sɛ asafohene ne nkoa nyɛ hwee mma wo; na nnɛ mahu sɛ, sɛ Absalom nyaa nkwa na yɛn nyinaa wuwui nnɛ a, anka wopɛ.

7Na afei sɔre fi adi na kɔka abotɔyam asɛm kyerɛ wo nkoa. Na meka AWURADE sɛ, sɛ woamfi adi a, obiara rentena wo nkyɛn anadwo yi, na ɛno mmom bɛyɛ bɔne ama wo asen bɔne a aba wo so fi wo mmerantebere de abedu sesɛɛ no.

8Ɛnna ɔhene sɔre bɛtenaa kurow pon no mu. Na wɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Hwɛ, ɔhene te kurow pon no mu. Ɛnna ɔman no nyinaa baa ɔhene anim.

Afei na Israelfo no nyinaa aguanguan, obiara kɔ n’ankasa fi.

Dawid san kɔ Yerusalem

9Na ɔman no nyinaa kasakasae Israel mmusuakuw nyinaa mu sɛ: Ɔhene na ogyee yɛn fii yɛn atamfo nsam, na ɔno na oyii yɛn Filistifo nsam, na afei Absalom nti waguan afi asase yi so.

10Na Absalom a yɛsraa no dii yɛn so no, nso atɔ dɔm ano; na afei, ɛdɛn nti na motwentwɛn sɛ mobɛkɔ akɔfa ɔhene asan aba yi?

11Na ɔhene Dawid tee nea Israel nyinaa aka no, ɔsoma kɔɔ asɔfo Sadok ne Abiatar nkyɛn sɛ: Monkɔka nkyerɛ Yuda mpanyimfo sɛ: Ɛdɛn nti na motwentwɛn sɛ mobɛba abɛfa ɔhene asan akɔ ne fi mmere a ɔman no nsɛm nyinaa adu m’asom yi?

12Me nuanom ne mo, me nnompe ne me honam ne mo, na ɛdɛn nti na motwentwɛn sɛ mobɛba abɛfa ɔhene asan akɔ?

132 Sa 17.25; 1 Be 2.16-17 Na Amasa nso, monka nkyerɛ no sɛ: So ɛnyɛ me nnompe ne me honam ne wo? Sɛ woanyɛ dɔm so safohene m’anim nna nyinaa ansi Yoab ananmu a, Onyankopɔn nyɛ me sɛɛ na ɔnkɔ so nyɛ me sɛɛ!

14Na ɔkom Yuda mmarima nyinaa koma sɛ onipa biako de, na wɔsoma baa ɔhene nkyɛn sɛ: Wo ne wo nkoa nyinaa, monsan mmra.

15Na ɔhene san baa Yordan ano. Na Yuda baa Gilgal sɛ wɔreba abehyia ɔhene na wɔde no atwa Yordan.

16 1 Ah 2.8 Na Benyaminni Gera ba Simei a ofi Bahurim no yɛɛ ntɛm ne Yuda mmarima no sian bae behyiaa ɔhene Dawid,

172 Sa 16.1-4; 9.2, 10 na Benyamin mmarima apem ka ne ho, ne Saul fi abofra Siba ne ne mma dunum ne ne nkoa aduonu no yɛɛ ntɛm duu Yordan ano kohyiaa ɔhene.

18Na ɔkorow no twa kɔe sɛ wɔde rekɔfa ɔhene fifo, na wɔayɛ nea eye n’ani so. Na ɔhene twaa Yordan bae no, Gera ba Simei hwee fam n’anim.

Dawid yi ne dɔ adi kyerɛ Simei

19 2 Sa 16.5 Na ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Mma me wura mmmu amumɔyɛ nnto me so, na nkae nea w’akoa fom so yɛɛ no da a me wura ɔhene fii Yerusalem no, na ɔhene mmfa nnhyɛ ne komam.

20Na w’akoa nim sɛ mayɛ bɔne, na hwɛ, me na madi Yosef fi nyinaa kan maba nnɛ sɛ meresian mabehyia me wura ɔhene.

21Na Seruia ba Abisai buae sɛ: So eyi nti wɔrenkum Simei, sɛ wadome nea AWURADE asra no no?

222 Sa 16.10 Na Dawid se: Dɛn na me ne mo Seruia mma wɔ yɛ, sɛ moyɛ me nnipa a wɔne me di asi nnɛ yi? So nnɛ wonkum obi Israel anaa? So minnim sɛ ɛnnɛ mene Israel so hene anaa?

23Na ɔhene ka kyerɛɛ Simei sɛ: Wɔrenkum wo. Na ɔhene kaa no ntam.

24 2 Sa 9.6 Na Saul ba Mefiboset san ba behyiaa ɔhene; na onsiesie ne nan ase ɛ, na onsiesiee ne bogyesɛ ɛ, na ne ntade nso ɔnhoroe ɛ, fi da a ɔhene kɔe no besii da a ɔbae asomdwoe mu no.

25Na ɔbaa Yerusalem behyiaa ɔhene no, ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Mefiboset, ɛdɛn nti na wo ne me ankɔ?

26Na ose: Me wura ɔhene, m’akoa na ɔdaadaa me; na w’akoa kae sɛ: Mɛhyehyɛ afurum matena no so makɔ ɔhene nkyɛn, efisɛ w’akoa yɛ apakye.

272 Sa 16.3; 14.17 Na obetwirii w’akoa maa me wura ɔhene. Na me wura ɔhene te sɛ Onyankopɔn bɔfo, enti yɛ nea eye w’ani so.

282 Sa 9.11 Na m’agya fi nyinaa nyɛ hwee sɛ owu mma ma me wura ɔhene, nanso wode w’akoa sii wɔn a wodidi wo pon so mu. Na asɛntrenee bɛn na mewɔ bio, nso dɛn na mede mɛteɛm mafrɛ ɔhene bio.

292 Sa 9.9-10; 16.4 Na ɔhene kae sɛ: Ɛdɛn nti na woda so ka w’asɛm yi bio? Mise wo ne Siba nkɔkyɛ asase no mu.

30Na Mefiboset ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Sɛ me wura ɔhene de asomdwoe anya aba ne fi yi, ma ɔmfa ne nyinaa po.

Dawid de Barsilai mfomso kyɛ no

31 1 Ah 2.7 Na Gileadni Barsilai sian fii Rogelim bae na ɔne ɔhene twaa Yordan, sɛ ɔrekogya no Yordan agya.

322 Sa 17.27 Nso Barsilai abɔ akora sɛ wadi mfirihyia aduɔwɔtwe. Na ɔhene tenaa Mahanaim no, ɔno na ɔhwɛɛ no, na ɔyɛ ɔdefo kɛse sɛ.

33Na ɔhene ka kyerɛɛ Barsilai sɛ: Wo de, wo ne me ntwa nkɔ, na menhwɛ wo, me nkyɛn wɔ Yerusalem.

34Na Barsilai ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Me nkwa nna si ahe na me ne ɔhene mforo nkɔ Yerusalem yi?

35Madi mfirihyia aduɔwɔtwe nnɛ, so mehu papa ne bɔne mu, anaasɛ w’akoa bɛte nea medi ne nea mɛnom dɛ, anaasɛ mɛte nnwontofo mmarima ne mmea nne bio anaa? Na ɛdɛn nti na w’akoa nkɔ so nyɛ me wura ɔhene adesoa?

36Ma w’akoa nkogya ɔhene kwan Yordan agya nko ara. Na ɛdɛn nti na ɔhene de akatua yi betua me?

37Ma w’akoa nsan nkowu ne kurom, m’agya ne me na damoa ho. Na hwɛ, ma w’akoa Kimham ne me wura ɔhene ntwa nkɔ, na yɛ no nea eye w’ani so.

38Na ɔhene kae sɛ: Kimham ne me ntwa nkɔ, na mɛyɛ no nea eye w’ani so; na biribiara a wobɛhwehwɛ me hɔ no, mɛyɛ mama wo.

39Na ɔman no nyinaa twaa Yordan na ɔhene nso twae; na ɔhene few Barsilai ano na ɔsan kɔɔ fie.

Yuda ne Israel nya akasakasa wɔ ɔhene ho

40Na ɔhene sen kɔɔ Gilgal, na Kimham ne no kɔe. Na Yuda man nyinaa de ɔhene sen kɔe, ne Israel man fa nso ka ne ho.

41Na hwɛ, Israel mmarima nyinaa baa ɔhene nkyɛn bɛka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɛdɛn nti na yɛn nuanom Yuda mmarima awia wo kɔ, na wɔde ɔhene ne ne fifo ne Dawid mmarima nyinaa a wɔka ne ho akotwa Yordan aba?

422 Sa 19.12-13 Ɛnna Yuda mmarima nyinaa buaa Israel mmarima sɛ: Efisɛ ɔhene yɛ yɛn busuani. Na ɛdɛn nti na asɛm yi nti mo bo huru yi? So yɛadi ɔhene ho biribi anaasɛ wakyɛ yɛn biribi?

43Na Israel mmarima no buaa Yuda mmarima no sɛ: Yɛwɔ kyɛfa du ɔhene mu, na Dawid mu nso yɛwɔ sen mo. Na adɛn nti na moammu yɛn? So ɛnyɛ yɛn na yedii kan kae sɛ wɔnkɔfa yɛn hene mmra? Na Yuda mmarima no ano yɛɛ den sen Israel mmarima no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help