1 2 Sa 9.2 Na Dawid twaam fii atifi hɔ kakra no, hwɛ, Mefiboset abofra Siba behyiaa no; ɔde mfurum abien a wɔahyehyɛ wɔn a wɔsoso abodoo sebɔw ahanu ne bobe aba a wɔabɔ no atɔwatɔw ɔha ne awia bere mu borɔdɔma ɔha ne nsa aboa nhoma kotoku ma.
2Na ɔhene bisaa Siba sɛ: Wode eyinom rebɛyɛ dɛn? Na Siba se: Mfurum yi wɔmfa mma ɔhene fifo na wɔntenatena so, na abodoo ne awia bere mu nnuaba yi, mmerante no nni, na nsa yi nso, wɔmfa mma wɔn a wɔabrɛ sare so na wɔnnom.
32 Sa 19.26 Na ɔhene kae sɛ: Na ɛhe na wo wura ba no wɔ? Na Siba ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɔte Yerusalem, na ose: Ɛnnɛ na Israel fi bɛdan m’agya ahenni ama me.
4Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Siba sɛ: Hwɛ, nea ɛyɛ Mefiboset de nyinaa yɛ wo dea. Na Siba kae sɛ: Mekotow wo, ma minnya me wura ɔhene anim anuonyam.
5 1 Ah 2.8; Eks 22.28 Na ɔhene Dawid duu Bahurim no, hwɛ, ɔbarima bi a ofi Saul abusua mu a wɔfrɛ no Simei a ɔyɛ Gera ba fii adi fii hɔ bae; na ɔreba no, na ɔredome.
6Na ɔpaa Dawid ne ɔhene Dawid nkoa nyinaa abo; nso ɔman no nyinaa ne mmarima akofofo no nyinaa wowɔ ne nifa ne ne benkum.
7Na Simei redome no, sɛ ɔkae ni: Fi adi kɔ, fi adi kɔ, mogyapɛfo, onipa huhuni!
8AWURADE adan Saul a wubesii n’ananmu dii hene no fi mogya nyinaa aba wo so, na AWURADE de ahenni no ahyɛ wo ba Absalom nsa, na hwɛ, w’amane mu na woda yi, efisɛ onipa a wahwie mogya agu ne wo.
9 1 Sa 26.8 Ɛnna Seruia ba Abisai ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɛdɛn nti na ɔkraman funu yi dome me wura ɔhene yi? Ma menkɔ menkotwa ne ti ɛ!
10Na ɔhene se: Dɛn na me ne mo Seruia mma wɔ yɛ? Ma ɔnnome ara, na AWURADE ase no sɛ: Dome Dawid! Na ɛhena na ɔbɛka akyerɛ no sɛ: Ɛdɛn nti na woyɛ sɛɛ?
11Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai ne ne nkoa sɛ: Hwɛ, me ba a ofi me yam na ɔrehwehwɛ me akum me yi, na afei menne Benyaminni yi. Munnyaa no mma ɔnnome, efisɛ AWURADE na wahyɛ no.
12Ebia AWURADE bɛhwɛ m’amanehunu, na AWURADE de papa ahyɛ me nnome a ɔredome me nnɛ yi ananmu.
13Na Dawid ne ne nnipa nam ɔkwan no so rekɔ no na Simei nam bepɔw no ho ne ntentenso rekɔ; na ɔrekɔ no, na ɔdome ara, na osianee no paa no abo, na ɔtow mfutuma petee.
14Na ɔhene ne nnipa a wɔka ne ho no nyinaa duu Yordan no; na wɔabrɛ, na wɔhomee wɔ hɔ.
Absalom wɔ Yerusalem15Na Absalom ne Israel mmarima nyinaa baa Yerusalem na Ahitofel ka ne ho.
162 Sa 15.37; 1 Sa 10.24 Na Husai, Arkini no, a ɔyɛ Dawid adamfo no baa Absalom nkyɛn no, Husai ka kyerɛɛ Absalom sɛ: Ɔhene tiri nkwa, ɔhene tiri nkwa!
17Na Absalom ka kyerɛɛ Husai sɛ: W’adɔe a wode yɛ w’adamfo ni? Ɛdɛn nti na wo ne w’adamfo no ankɔ?
18Na Husai buaa no sɛ: Daabi, na nea AWURADE ne ɔman yi ne Israel mmarima nyinaa afa no no, ɔno na mɛyɛ ne de na me ne no atena.
19Bio nso, hena na mɛsom no? So ɛnyɛ ne ba? Sɛnea mesom w’agya no, saa ara na mɛyɛ wo.
20Ɛnna Absalom ka kyerɛɛ Ahitofel sɛ: Muntu nea yɛnyɛ ho agyina.
212 Sa 15.16 Na Ahitofel ka kyerɛɛ Absalom sɛ: Kɔ w’agya yefamnom a ogyaw wɔn sɛ wɔnhwɛ ofie no ne wɔn nna, na Israel nyinaa nte sɛ woama wo ho abɔn w’agya, na wɔn a wɔwɔ wo nkyɛn nyinaa nsa bɛyɛ den.
222 Sa 12.11; Lew 18.8 Ɛnna wosii Absalom ntamadan, aban no atifi, na Absalom kɔɔ n’agya yefamnom no ho, Israel nyinaa anim.
23Na Ahitofel ɛfo a otui nna no mu te sɛnea obi kobisa Onyankopɔn hɔ ade, saa na Ahitofel afotu nyinaa te ma Dawid ne Absalom.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.