Yesaia 34 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Atamfo nyinaa ho atemmusɛm

1O, Amanaman, muntwiw mmɛn mmetie,

na mo nkurɔfo, monwɛn mo aso.

Asase ne ne mayɛ ntie,

ne wiase ne nea efi mu ba nyinaa.

2Na AWURADE abohuru bɛba amanaman nyinaa so,

na abufuhyew aba wɔn dɔm nyinaa so,

wadome wɔn de wɔn ama okum.

3 Yes 14.19 Na wɔn atɔfo no,

wɔbɛtow wɔn agu,

na wɔn afunu ayi hua kankan,

na wɔn mogya ahono mmepɔw.

4 Adi 6.13-14 Na ɔsoro asafo nyinaa bɛporɔw,

na wɔabobɔw ɔsoro sɛ nhoma,

na n’asafo nyinaa apo,

sɛ obobe so ahaban po,

anaasɛ borɔdɔma so de po no.

5 Yer 49.7-22 Na m’afoa anom amee, ɔsoro;

hwɛ, esian ba Edom so,

ɛba me nnome man no so abebu atɛn.

6Mogya ara nko adue AWURADE afoa,

srade aforɔw ho,

nguammaa ne mpapo mogya,

adwennini asaabo ho srade;

na AWURADE wɔ okum afɔre, wɔ Bosra,

ne okunkɛse, Edom asase so.

7Na nantwi a n’ani abere ne wɔn bɛbom ahwehwe fam,

ɛne anantwi ne anantwinini akɛse,

na wɔn asase bɛbow mogya,

na srade ayɛ wɔn dɔte sɔɔsɔɔ.

8 Yes 13.6, 9; 63.4 Na AWURADE wɔ aweredi da

ne ananmuhyɛ afe a obedi ama Sion.

9 Gye 19.24 Na Edom nsuwansuwa bɛdan amane,

na ne dɔte nso adan sufre,

na n’asase no ayɛ amane a ɛdɛw;

10 Adi 14.11; 19.3 ɛrennum anadwo ne awia,

ne wusiw bepun akosi daa,

na ayɛ amamfo, awo ntoatoaso nyinaa mu,

na obiara remfa hɔ bio koraa;

11na pokupoku ne apɛsɛe na wɔbɛfa,

na patu ne kwaakwaadabi atena hɔ;

na ɔbɛsa so sakasakayɛ hama,

na amamfoyɛ sumpii bo asɛn so.

12Na wɔbɛfrɛ hɔ sɛ: Ahenni Bi Nni Hɔ,

na n’asafohene nyinaa bɛyera.

13 Yes 13.21-22 Nsɔe befuw n’aban afɛfɛ mu,

na ahyehyensa ne nkraadua afuw

n’abandennen mu, na ayɛ sakraman tenabea

ne nsohori adidibea.

14 Adi 18.2 Na sare so mmoa ne nkuntumpaa behyia hɔ,

na sasabonsam asu afrɛfrɛ wɔn ho wɔn ho;

ɛhɔ nso na anadwoboa bɛtena,

na wɔanya ɔhomebea.

15Ɛhɔ na ɔpatu bɛyɛ ne buw,

na watow abutuw so asow, na waboaboa ne mma ano

wɔ ne nwini mu, na apete nso aboaboa

wɔn ho ano wɔ hɔ obiara ne ne sɛso.

16Monhwehwɛ AWURADE nhoma no mu nkan:

Nneɛma no mu biako pɛ mpo renyera,

ebiara sɛso remmɔ no,

na AWURADE ano na ahyɛ,

na ne honhom na aboa ano.

17Na ɔno na watwe ntonto de ama wɔn,

na ne nsa de susuhama akyɛ ama wɔn,

sɛ wonni so nkosi daa,

na wɔntena so, awo ntoatoaso nyinaa mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help