Deuteronomium 26 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Aduankan afɔre

1Na sɛ wunya du asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ di so no so na wofa tena so a,

2Eks 23.19; 34.26; Lew 2.14 fa asase no so adua a wubenya w’asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo no so no nyinaa aduankan no bi gu kyerɛnkyɛ mu, na fa kɔ faako a AWURADE wo Nyankopɔn bɛkyerɛ sɛ ne din ntena hɔ no,

3na kɔ ɔsɔfo a ɔwɔ so saa bere no nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ: Mepae mu nnɛ mekyerɛ AWURADE wo Nyankopɔn sɛ madu asase a AWURADE kaa yɛn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no so.

4Na ɔsɔfo no nnye kyerɛnkyɛ no mfi wo nsam mfa nsi AWURADE wo Nyankopɔn afɔremuka no anim.

5 Gye 46.5 Na gye so ka AWURADE wo Nyankopɔn anim sɛ: M’agya yɛ Aramni a anka okyinkyini, na ɔde nnipa kakraa bi sian kɔɔ Misraim kɔsoɛɛ hɔ hɔho, na ɔyɛɛ ɔman kɛse a wɔyɛ den na wɔdɔe wɔ hɔ.

6Na Misraimfo yɛɛ yɛn bɔne na wɔhyɛɛ yɛn so na wɔde ɔsom dennen too yɛn so;

7na yesu frɛɛ AWURADE yɛn agyanom Nyankopɔn, na AWURADE tiee yɛn nne, na ohuu yɛn ade mmɔbɔ a ɛyɛ ne yɛn haw ne yɛn ahoguan.

8Na AWURADE de nsa a ɛyɛ den ne basa a wateɛm ne ahodwiriwde akɛse ne nsɛnkyerɛnne ne anwonwade yii yɛn fii Misraim bae.

9Na ɔde yɛn aba ha yi de asase yi ama yɛn, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo.

10Na afei, hwɛ, mede asase a wo, AWURADE, de ama me no so aduankan maba! Na fa si AWURADE wo Nyankopɔn anim, na sɔre AWURADE wo Nyankopɔn anim,

11Deut 16.11, 14 na gye w’ani adepa a AWURADE wo Nyankopɔn de ama wo ne wo fi no nyinaa ho, wo ne Lewini ne ɔhɔho a ɔwɔ wo mu no.

12 Deut 14.27-29 Sɛ wuwie wo nnɔbae mu ntotoso du du nyinaa yiyi, afe a ɛto so abiɛsa a ɛne ntotoso du du ma afe no mu, na wode ama Lewini ne ɔhɔho ne ayisaa ne okunafo ama wɔadi wo nkurow mu amee a,

13ɛnne ka wɔ AWURADE wo Nyankopɔn anim sɛ: Mayi akronkronne afi me fi, na mede mama Lewini ne ɔhɔho ne ayisaa ne okunafo nso, sɛ wo mmara a woahyɛ me no nyinaa te, mamfom wo mmara nsɛm no na me werɛ amfi;

14minnii bi m’awerɛhow mu, na minyii bi, bere a me ho ntew, na memfaa bi memmaa owufo bi; matie AWURADE me Nyankopɔn nne, na mayɛ sɛnea woahyɛ me nyinaa.

15Fi wo tenabea kronkron ɔsoro brɛ w’ani ase hwɛ, na hyira wo man Israel ne asase a wode ama yɛn, sɛnea wokaa yɛn agyanom ntam no, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no.

16Ɛnnɛ da yi AWURADE wo Nyankopɔn rehyɛ wo sɛ: Yɛ ahyɛde ne atemmude yi, na fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa di so na yɛ.

17Ɛnnɛ woaka wɔ AWURADE ho sɛ ɔbɛyɛ wo Nyankopɔn, na woanantew n’akwan so, na woadi n’ahyɛde ne ne mmara nsɛm ne n’atemmude so, na woatie ne nne;

18na AWURADE nso aka wɔ wo ho nnɛ sɛ wobɛyɛ n’ankasa ne man, sɛnea wahyɛ wo bɔ no, na woadi ne mmara nsɛm nyinaa so,

19Deut 28.1; 4.6 na wama wo so akyɛn amanaman a ɔyɛɛ wɔn no nyinaa, de wo ayɛ ayeyi ne din ne anuonyam, na woayɛ ɔman kronkron ama AWURADE wo Nyankopɔn sɛnea ɔkae no.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help