Nnwom 53 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Agyennyentwi(Nnwom 14)Wɔde ma dwonkyerɛfo. Dawid nnwenho dwom. Wɔnto no “Ɔyare” nne so

1Ogyennyentwi se ne komam sɛ:

Onyankopɔn bi nni hɔ.

Wɔasɛe, na wɔyɛ amumɔyɛde a wokyi,

obi nni hɔ a ɔyɛ papa.

2Onyankopɔn fi soro hwɛ nnipa mma,

sɛ obehu sɛ obi wɔ hɔ a ɔyɛ ɔbadwemma,

obi a ɔhwehwɛ Onyankopɔn akyi kwan.

3Wɔn nyinaa aman, wɔn nyinaa aporɔw,

obi nni hɔ a ɔyɛ papa, obiako po nni hɔ.

4So amumɔyɛfo anhu de,

wɔn a wodi me man sɛnea wodi aduan,

na wɔmfrɛ Onyankopɔn?

5Ɛno na wɔn ho popoe, nea ahopopo nni hɔ,

na Onyankopɔn petee wɔn a wɔbɔɔ wo so nsra nnompe,

woahyɛ wɔn aniwu, na Onyankopɔn apa wɔn.

6Hena na ɔde Israel nkwagye befi Sion aba?

Da a Onyankopɔn de ne man nnommum bɛsan aba no,

Yakob bedi ahurusi, na Israel ani agye.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help