1Na Imer ba Pashur, ɔsɔfo a ɔyɛ AWURADE fi so titiriw no tee sɛ Yeremia reka adiyisɛm yi no,
2Pashur boroo odiyifo Yeremia, na ɔde no bɔɔ duam, Benyamin ponkɛse a ɛwɔ soro, AWURADE fi mu no mu.
3Na ade kyee no, Pashur tuu Yeremia fii dua no mu. Na Yeremia ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ Pashur a ase ne: Ahosɛpɛw no na AWURADE ato wo din, na mmom Magormisabib. Saa din yi ase ne: Ehu wɔ afa nyinaa.
4Na sɛ AWURADE se ni: Hwɛ, mereyɛ wo ahuyide ama w’ankasa ne w’adɔfo nyinaa: Wɔbɛtotɔ wɔn atamfo afoa ano, na w’aniwa behu; na mede Yuda nyinaa mɛhyɛ Babel hene nsa, na watu wɔn akɔ Babel, na ɔde afoa akunkum wɔn.
5Yes 36.6 Na meyi kurow yi adedodow ne emu mfaso ne aboɔdenne nyinaa mama, na mede Yuda ahene akorade nyinaa mahyɛ wɔn atamfo nsa, na wɔafomfom afa akɔ Babel.
6Na wo, Pashur, ne wo fifo nyinaa, mobɛkɔ nnommumfa mu, na wobɛkɔ Babel akowu wɔ hɔ, na wɔasie wo wɔ hɔ, wo ne w’adɔfo a wohyɛɛ wɔn nkɔntoro no nyinaa.
Odiyifo no nkɔmmɔdi dennen7 Yer 1.7 Woagyigye me, AWURADE,
na mapene nnyigye no so;
woatintim me so,
na woatumi.
Madan aserede daa adesae;
wɔn nyinaa di me ho fɛw.
8 Yes 49.4 Na daa merekasa a, ɛma meteɛm,
akakabensɛm ne ɔsɛe na ɛma misu mefrɛ,
na AWURADE asɛm adan me
ahohora ne nsopa daa adesae.
9Na sɛ mise: Merenkae no
anaa meremmɔ ne din menkasa bio a,
na ɛyɛ me koma mu sɛ ogya a ɛredɛw
a wɔato mu me nnompe mu;
miso mu a mebrɛ ho,
na mintumi.
10 Nnw 31.3 Na mate nnipa pii nsekudi,
ehu wɔ afa nyinaa,
wose: Monkɔka, na yɛbɛkɔ akɔka atia no.
Me nnamfo pa
a me ne wɔn nni asɛm mpo
hwehwɛ me asehwe na wɔka sɛ:
Ebia ɔbɛma wɔagyigye no, na yɛatumi no,
na yɛatɔ yɛn were no so.
11 Yer 1.8, 19; 15.20 Na AWURADE gyina m’akyi sɛ dɔmmarima a ne ho yɛ hu
ɛno nti m’atiwfo bɛhwehwe ase,
na wɔrentumi.
Wɔn ani bewuwu sɛ,
efisɛ ansi wɔn yiye,
ɛyɛ daa nsopa a werɛ remfi da.
12 Yer 11.20 Na wo asafo AWURADE, wosɔ ɔtreneeni hwɛ,
wohwɛ adwene ne koma mu.
Wɔn so na ma minhu w’aweretɔ,
na wo na mede m’asɛm madan wo.
13Monto dwom mma AWURADE,
munyi AWURADE ayɛ,
na wayi ohiani kra
afi nnipa bɔne nsam.
14 Yer 15.10; Hiob 3.1-10; 10.18 Nnome nka da a
wɔwoo me wɔ mu no;
ɛda a me na woo me no,
mma wonnhyira no.
15Nnome nka onipa a
ɔde asɛmpa brɛɛ m’agya sɛ:
Wɔawo ɔbabarima ama wo!
Na ɔde maa n’ani gyei pii no.
16 Gye 19.24-25 Ma onii no nyɛ sɛ nkurow
a AWURADE abutubutuw a onnuu ne ho no;
ma ɔnte osu anɔpa
ne gyegyeegye awia ketee.
17Sɛ wankum me ɔyafunu mu,
na me na annan me damoa
na manka ne yafunum daa nti.
18Ɛdɛn nti po na mifii ɔyafunum mifii adi,
sɛ merebehu mmusu ne ahometew,
na me nna ahi aniwu mu!
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.