1Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ:
2Kasa kyerɛ Aaron ne ne mma ne Israelfo nyinaa, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Eyi ne asɛm a AWURADE ahyɛ ho mmara sɛ:
3Obiara a ɔwɔ Israel fi a okum nantwi anaa oguanten anaa abirekyi nsra mu, anaasɛ okum no nsra no akyi,
4Yes 66.3 na ɔmfa mma ahyiae ntamadan no ano mmɛyɛ ayɛyɛde mma AWURADE wɔ AWURADE tenabea anim no, wobebu mogya agu no so, waka mogya agu, na wobetwa saa onipa no afi ne man mu akyene,
5na ama Israelfo de wɔn afɔre a wokum sare so no abrɛ asɔfo no ama wɔde abrɛ AWURADE, ahyiae ntamadan no ano, na wɔakum abɔ AWURADE asomdwoe afɔre.
6Na ɔsɔfo no mfa mogya no mpete AWURADE afɔremuka no so, ahyiae ntamadan no ano, na ɔnhyew srade no na enyi hua huamhuam mma AWURADE.
7 Deut 32.17 Na wonnkum wɔn afɔrebɔde mmma mpapo abosom a wodi wɔn akyi aguamammɔ so no bio. Na ɛnyɛ daa ahyɛde mma wɔn, wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu.
8Na wɔn de, ka kyerɛ wɔn sɛ: Obiara a ofi Israel fi anaa ahɔho a wɔabɛsoɛ wɔn mu no mu a ɔbɛbɔ ɔhyew afɔre anaa okum afɔre bi,
9Deut 12.14 na wamfa amma ahyiae ntamadan ano ammɛbɔ amma AWURADE no, wobetwa no afi ne man mu akyene.
Wonnni mogya10 Lew 3.17 Na obiara a ofi Israel fi anaa ahɔho a wɔabɛsoɛ wɔn mu no mu a odi mogya biara no, mɛma m'ani asa saa ɔkra a odi mogya no, na matwa no afi ne man mu akyene.
11Heb 9.22 Efisɛ ɔhonam biara nkwa wɔ mogya no mu, na mede ama mo, afɔremuka no so sɛ wɔmfa mpata mma mo ho; na mogya na wɔde pata ma ɔkra.
12Ɛno nti na mise Israelfo sɛ: Mo mu biara nnni mogya, na ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu no nso nnni mogya.
13Na obiara a ofi Israel mma ne ahɔho a wɔabɛsoɛ mo mu a ɔyɛ ha kum aboa anaa anomaa a wodi no, onhwie ne mogya ngu na ɔmfa dɔte nkata so.
14Gye 9.4 Na ɔhonam nyinaa kra de, ne mogya ne ne kra, enti na mise Israelfo sɛ: Munnni nam biara mogya, efisɛ ɔhonam nyinaa kra ne ne mogya; obiara a odi no, wobetwa no akyene.
15 Lew 11.40 Na obiara a odi nea wawu anaasɛ nea wɔatetew no, okuromani oo, ɔhɔho oo, ɔnhoro ne ntade na ɔmfa nsu nguare, na ne ho ntew kosi anwummere ansa na ne ho atew;
16na sɛ wanhoro ne ntade na wanguare a, ɛnne ɔnsoa ne mmusu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
