Atemmufo 9 - KYER?W KRONKRON(ATWDB)

Abimelek nnebɔne ne ne sɛe

1 kwan so reba.

38Na Sebul ka kyerɛɛ no sɛ: Afei, ɛhe na w’ano a ɛkae sɛ: Hena ne Abimelek a yɛnsom no no wɔ? So ɛnyɛ ɔman a wubuu wɔn abomfiaa no ni? Afei fi adi ɛ, na wo ne wɔn nkɔko.

39Na Gaal fii adi dii Sekemfo no anim, na ɔne Abimelek kɔkoe.

40Na Abimelek pam no, na oguanee n’anim, na nnipa pii totɔe de kosii kurow no pon ano.

41Na Abimelek tenaa Aruma; na Sebul pam Gaal ne ne nuanom no sɛ wɔnntena Sekem.

42Na ade kyee no, ɔman no fii adi kokɔɔ wuram; na wɔkɔka kyerɛɛ Abimelek.

43Na ɔfaa ɔman no buu wɔn mu akuw abiɛsa, na ɔkɔtɛw wuram. Na ɔhwɛe, na hwɛ, ɔman no refi adi afi kurow no mu, na ɔsɔre hyɛɛ wɔn kunkum wɔn.

44Na Abimelek ne asafokuw a wɔka ne ho no bɔɔ kirididi kogyinaa kurow no pon ano, na asafokuw abien no tow hyɛɛ wɔn a wɔwɔ wuram nyinaa so kunkum wɔn.

45Na Abimelek ne kurow no koe da mu no nyinaa, na ɔfaa kurow no, na okum nnipa a wɔwɔ mu no, na ɔbɔɔ kurow no, na ɔde nkyene petee so.

46 Ate 9.4; 8.33 Na Sekem abankɛse mufo nyinaa tee no, wɔkɔɔ onyame Berit fi aban mu.

47Na wɔkɔka kyerɛɛ Abimelek sɛ Sekem aban mufo nyinaa aboaboa wɔn ho ano.

48Ɛnna Abimelek foro kɔɔ Salmon bepɔw so, ɔne ɔman a wɔka ne ho no nyinaa, na Abimelek faa akuma kurae na okotwaa dubaa, na ɔmaa so bɔɔ ne kɔn ho, na ɔka kyerɛɛ ɔman a wɔka ne ho no sɛ: Nea moahu sɛ mayɛ yi, monka mo ho nyɛ sɛ meyɛe no.

49Na ɔman no nyinaa twitwaa nnubaa de dii Abimelek akyi de beguu aban no ho, na wɔde gya too aban no mu guu wɔn so. Na Sekem abankɛse no mu nnipa nyinaa nso wuwui, mmarima ne mmea bɛyɛ apem.

50Ɛnna Abimelek siim kɔɔ Tebes kɔbɔɔ Tebes so nsra, na ɔfae.

51Na abantenten dennen bi wɔ kurow no mu, na ɛhɔ na mmarima ne mmea nyinaa ne kurow no mufo nyinaa guanguan kɔe na wɔtoo wɔn ho mu, na wɔforo kɔɔ aban no atifi.

52Na Abimelek duu aban no ho bɛkoe, na otwiw bɛn aban no pon ano sɛ ɔde gya rebɛhyew.

53Na ɔbea bi tow owiyammoba bɔɔ Abimelek ti de pɛtɛw ne tikora.

541 Sa 31.4 Ɛnna ɔfrɛɛ n’abofra a ɔso n’akode ntɛm ka kyerɛɛ no sɛ: Twe wo nkrante kum me, na wɔanka wɔ me ho sɛ ɔbea na okum no. Na n’abofra no de nkrante wɔɔ no ma ɔtɔe.

55Na Israel mmarima no hui sɛ Abimelek atɔ no, wɔn nyinaa kokɔɔ wɔn tenabea.

56Ate 9.5 Na Onyankopɔn tuaa Abimelek bɔne a ɔyɛɛ n’agya, sɛ okum ne nuanom aduɔsɔn no so ka.

57Ate 9.20 Na Sekem mmarima no bɔne nyinaa nso, Onyankopɔn ma ebuaa wɔn atifi, na Yerubaal ba Yotam nnome no baa wɔn so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help